Atemmufo 11 - New Revised Asante Twi BibleYefta, ne nkonimdie ne ne bɔhyɛ 1 Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, nanso ɔyɛ ɔbaa dwamamfoɔ bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta. 2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa foforɔ bi ba ne wo. 3 Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi. 4 Na ɛno akyiri no, Amonfoɔ ne Israel kɔdii ako. 5 Na Amonfoɔ ne Israel bɛkoeɛ no, Gilead mpanimfoɔ kɔ kɔfaa Yefta firii Tob asase no so, 6 na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Bra bɛyɛ yɛn safohene, na yɛne Amonfoɔ nkɔko. 7 Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mo ara na motane me na mopamm me firii m’agya fie no? Na adɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi? 8 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasane aba wo nkyɛn yi, na ɛne yɛn nkɔ na yɛne Amon mma nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfoɔ nyinaa so. 9 Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ mode me sane kɔ sɛ me ne Amonfoɔ nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na menni mo tiri anaa? 10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ. 11 Ɛnna Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no sii mu baeɛ, na ɔman no de no sii wɔn ti ne ɔsafohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa. 12 Ɛnna Yefta somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amonfoɔ hene no nkyɛn sɛ: Asɛm bɛn na me ne wo wɔ na woreba me so ne m’asase abɛko yi? 13 Na Amonfoɔ hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfoɔ no sɛ: Ɛfiri sɛ Israel faa m’asase berɛ a na wɔfiri Misraim reba no, de firi Arnon kɔsi Yabok ne Yordan ano: Na afei dane ma me komm. 14 Na Yefta sane somaa abɔfoɔ bio maa wɔkɔɔ Amonfoɔ hene no nkyɛn 15 kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase ne Amonfoɔ asase biara, 16 na mmom wɔfiri Misraim no, Israel nantee ɛserɛ so kɔsii Mmɛwa Po ano, na wɔbaa Kades. 17 Na Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Ma mentwam w’asase so ɛ! Na Edomhene no antie. Na ɔsoma maa wɔkɔɔ Moabhene nkyɛn nso, na wɔampene. Na Israel tenaa Kades. 18 Na wɔnantee ɛserɛ so kɔtwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wɔbɛfirii Moab asase no apueeɛ, na wɔbɛkyeree nsraban Arnon agya nohoa, na wɔamma Moab asase so, ɛfiri sɛ Arnon ne Moab bɔ hyeɛ. 19 Ɛnna Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amorifoɔ hene Sihon a ɔyɛ Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛntwam w’asase so nkɔ m’afa. 20 Na Sihon annye Israel anni, sɛ ɔbɛma wɔafa ne hyeɛ soɔ, na Sihon boaa ne man nyinaa ano, na wɔbɛkyeree nsraban Yahas, na ɔne Israel bɛkoe. 21 Na AWURADE, Israel Nyankopɔn de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wɔkunkumm wɔn, na Israel faa Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no asase nyinaa dii so, 22 na wɔfaa Amorifoɔ asase nyinaa firi Arnon ano kɔsi Yabok ano, na ɛfiri ɛserɛ so kɔsi Yordan ano. 23 Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifoɔ afiri ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi soɔ anaa? 24 Ɛnyɛ deɛ wo nyame Kemos de maa wo sɛ di soɔ na wobɛfa adi soɔ anaa? Na adeɛ biara a AWURADE Nyankopɔn agye de ama yɛn sɛ yɛnni soɔ no, ɛno na yɛbɛfa adi soɔ. 25 Na afei, woyɛ sene Moabhene Sipor ba Balak? Ham na ɔne Israel hameeɛ anaasɛ ko na ɔne wɔn koeɛ? 26 Berɛ a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkuro ne Aroer ne ɛho nkuro ne Arnon ho nkuro nyinaa mu mfirinhyia ahasa no, adɛn nti na moannyeɛ, saa berɛ no? 27 Na me deɛ, menyɛɛ wo bɔne biara, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufoɔ no ɔmmu Israelfoɔ ne Amonfoɔ ntam atɛn nnɛ. 28 Nanso Amonfoɔ hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ no no. 29 Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sene kɔɔ Gilead-mispe na ɔfiri Gilead-mispe twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no so. 30 Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfoɔ no hyɛ me nsa a, 31 ɛnneɛ deɛ ɛbɛfiri me fie apono ano abɛhyia me da a meresane mafiri Amonfoɔ so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE deɛ, na mede bɛbɔ afɔdeɛ mu. 32 Ɛnna Yefta twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no soɔ ne wɔn kɔkoeɛ; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa. 33 Na ɔkunkumm wɔn kum kɛseɛ pa ara firi Aroer kɔsi deɛ wɔfa kɔ Minit, nkuro aduonu, ɛde kɔsi Abel-keramim. Na wɔbrɛɛ Amonfoɔ no ase Israelfoɔ anim. Yefta babaa ho asɛm 34 Ɛnna Yefta baa ne fie Mispa. Na hwɛ, ne babaa de mpintin ne asa firii adi bɛhyiaa no, nso na ɔdi no bakorɔ, ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa gye ɔno. 35 Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi. 36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi. 37 Na ɔka kyerɛɛ n’agya bio sɛ: Wɔnyɛ yei mma me; gya me kwan abosome mmienu, na mensiane menkɔ mmepɔ so, na mensu me mmabaaberɛ, me ne me mfɛfoɔ. 38 Na ɔse: Kɔ! Na ɔgyaa no kwan abosome mmienu. Na ɔne ne mfɛfoɔ kɔe, na ɔkɔsuu ne mmabaaberɛ mmepɔ so. 39 Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu: 40 Daa afirinhyia Israel mmammaa kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no afe mu nnanan. |
The Bible Society of Ghana, 2012