Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 6 - New Revised Asante Twi Bible


Adwenharefoɔ ne ahantanfoɔ no asotwe

1 Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.

2 Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ, na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat. Wɔyɛ sene ahennie yi, anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?

3 Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.

4 Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.

5 Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid.

6 Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.

7 Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ, na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae.

8 AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.

9 Na sɛ wɔgya nnipa du efi korɔ mu a, ewuo ara na wɔbɛwuwuo.

10 Na obi busuani, deɛ ɔhyeɛ no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afiri fie hɔ, na ɔbɛbisa deɛ ɔwɔ efie mpiakyire mu no sɛ: Obi da so ne wo wɔ hɔ anaa? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano, na wɔmmɔ AWURADE din so.

11 Na hwɛ, AWURADE ahyɛ, na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa ne efi ketewa no nso dukuduku.

12 Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa? Sɛ modane atemmuo awuduro na modane tenenee aba bɔnwono?

13 Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim mmɛn afa?

14 Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo, Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie, na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan