Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 34 - New Revised Asante Twi Bible


Mose wuo

1 Na Mose firii Moab mpaperɛ mu foro kɔɔ Nebo bepɔ so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentensoɔ, na AWURADE maa no hunuu Gilead asase nyinaa de kɔsii Dan,

2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase asase ne Yuda asase nyinaa de kɔsii akyiri po no ho;

3 ne Negeb asase ne mpaperɛ a ɛyɛ, nkyiresua kuro Yeriko bonhwa no de kɔsii Soar.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ.

5 Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

6 Na ɔsiee no bonhwa mu Moab asase so, Bet-peor ntentensoɔ. Na obiara nnim ne damena de bɛsi nnɛ.

7 Na Mose wuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu. N’ani anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhwan.

8 Na Israelfoɔ suu Mose, Moab mpaperɛ mu adaduasa, na wɔdii Mose su ne ne gyam nna no wiee.

9 Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.

11 Saa Mose yi na AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ Misraim asase soɔ.

12 Afei nso ɛnam Mose so na ahudeɛ akɛseɛ nyinaa da adi wɔ Israel nyinaa anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan