Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 33 - New Revised Asante Twi Bible


Mose hyira Israel

1 Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:

2 AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.

3 Aane, ɔdɔ ne man, n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase na wɔtie w’asɛm.

4 Mmara na Mose hyɛɛ yɛn, Yakob badwa agyapadeɛ;

5 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene, ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no.

6 Ruben nnya nkwa na ɔnnwu, na ne mmarima nso mma wɔn ase nhye.

7 Na Yuda nso deɛ nie, ɔse: O AWURADE, tie Yuda nne, na fa no kɔ ne man nkyɛn; ma wo nsa nko mma no, na yɛ no ɔboafoɔ firi n’ahohiahiafoɔ nsam.

8 Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ: Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no, deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ na wo ne no ham Meriba asuo ho no.

9 Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam;

10 wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano, na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.

11 AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so, ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani; bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku, ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio.

12 Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo; ɔkata ne so daa nyinaa, na ɔbɛtena ne mmatiri so.

13 Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira n’asase; ɔmma no ɔsoro nnepa, obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,

14 ne owia mu nnɔbaeɛ nnepa, ne deɛ asrane ma no fifire mu nnepa,

15 ne tete mmepɔ atifi ne daapem nkokoɔ nnepa,

16 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa, na deɛ ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ; ɔmma no mmra Yosef atifi, ne ne nuanom mu hotuafoɔ no mpampam.

17 Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.

18 Na Sebulon ho nso, ɔkaa sɛ: Sebulon, ma w’ani nnye w’adifire mu, ne Isakar, wo ntomadan mu.

19 Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so, ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ; na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.

20 Na Gad ho nso, ɔkaa sɛ: Nhyira ne deɛ ɔtrɛ Gad mu; ɔbutu hɔ sɛ gyatabereɛ, ɔtete basa ne mpampam;

21 ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitire mu, ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.

22 Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ: Dan yɛ gyataburuwa, ɔhuri firi Basan.

23 Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ: Naftali a anisɔ amee no na AWURADE nhyira ayɛ no ma, fa ɛpo ne ahuhuro asase no di so.

24 Na Aser ho nso, ɔkaa sɛ: Ma wɔmfa mma nhyira Aser, ɔnyɛ deɛ ɔsɔ ani ne nuanom mu, na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban, sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ.

26 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.

27 Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na aseɛ na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim, na waka sɛ: Dwɛre wɔn.

28 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo.

29 Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan