5 Mose 31 - New Revised Asante Twi BibleYosua si Mose ananmu ( Numeri 27.12-23 ) 1 Na Mose kɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi. 3 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afiri w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛdeɛ AWURADE aka no. 4 Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase. 5 Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛdeɛ mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa teɛ. 6 Monyɛ den na monyɛ nnam, monnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennya wo. 7 Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8 Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu. Wɔnkenkan mmara no mfeɛ nson biara 9 Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 10 Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirinhyia nson awieeɛ, Adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu 11 a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu. 12 Na ɔman no mmarima ne mmaa, mmɔfra ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nkuro apono mu mmɔ dwa na wɔntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so: 13 Na wɔn mma a wɔnnim no ntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so no nyinaa. AWURADE ka Israel asoɔden ho asɛm 14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na memfa n’adwuma nhyɛ ne nsa. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu. 15 Na AWURADE de mununkum dum bɛyii ne ho adi ntomadan no mu, na mununkum dum no bɛgyinaa ntomadan no ano. 16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no. 17 Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa? 18 Na me deɛ, bɔne a wɔayɛ no nyinaa sɛ wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn nti, da no hunta na mede m’anim bɛhunta. 19 Na afei montwerɛ dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfoɔ; fa hyɛ wɔn anomu, na dwom yi nni me adanseɛ, Israelfoɔ mu. 20 Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam. 21 Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so. 22 Na Mose twerɛɛ dwom yi da no ara, na ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfoɔ no. 23 Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi. Mose de mmara no hyɛ Lewifoɔ nsa 24 Na Mose twerɛɛ mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nwoma mu wiee koraa no, 25 ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ: 26 Momfa mmara nwoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanseɛ. 27 Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ! 28 Momma mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ nyinaa ne mo ahwɛfoɔ mmɛbɔ me nkyɛn dwa, na menka nsɛm yi nyinaa ngu wɔn aso mu, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn adanseɛ. 29 Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo. 30 Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel badwa no nyinaa aso mu de kɔsii sɛ ɔwieeɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012