Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 30 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu,

2 na wosane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛdeɛ merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a,

3 ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

4 Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ.

5 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a wo nananom dii soɔ no so, na woadi so, na wayɛ wo yie, na wama woadɔre akyɛne wo nananom.

6 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛgu w’atamfo ne wɔn a wɔkyiri woɔ a wɔtaa woɔ no so.

8 Na wo deɛ, wobɛsane abɛtie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

9 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yie ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, ɛfiri sɛ AWURADE ani bɛgye wo ho bio, ama woadi yie sɛdeɛ n’ani gyee wo nananom ho no;

10 sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa sane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!

11 Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nnyɛ den mma wo, nanso ɛnni akyirikyiri;

12 ɛnni ɔsoro na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

13 Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

14 Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anomu ne w’akoma mu sɛ di so.

15 Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owuo ne bɔne masi w’anim,

16 na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so.

17 Na sɛ w’akoma dane na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforɔ na wosom wɔn a,

18 mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, wo nna renkyɛre asase a woretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so.

19 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase medi mo adanseɛ, sɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefoɔ nnya nkwa,

20 na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan