Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 29 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE apam

1 Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho.

2 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa,

3 nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ no.

4 Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm.

5 Na mama moanante ɛserɛ so mfirinhyia aduanan; mo ntoma nsuu mo ho, na wo mpaboa ntetee wo nan ase;

6 moanni paanoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

7 Na moduruu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og firi ne yɛn bɛkoe, na yɛkumm wɔn;

8 na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusuakuo fa sɛ wɔnni so.

9 Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie.

10 Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa;

11 mo mma, mo yerenom ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nsraban mu, ɛfiri duabuni so kɔsi wo nsusafoɔ soɔ,

12 sɛ wobɛhyɛne AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nseɛ a ɔne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu,

13 sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Nyankopɔn, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ ne sɛdeɛ ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam no.

14 Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam yi na meredi nseɛ yi,

15 na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi.

16 Na mo ara monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim asase soɔ, ne sɛdeɛ yɛtwaa amanaman a mofaa wɔn mu baeɛ no mu;

17 na mohunuu wɔn akyiwadeɛ ne wɔn nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no;

18 na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono;

19 na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.

20 AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so.

21 Na AWURADE bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu ama bɔne, sɛdeɛ apam a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no mu nseɛ no nyinaa teɛ.

22 Na sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyire, ne ɔnanani a ɔfiri akyirikyiri asase so bɛba no hunu asase yi haw ahodoɔ ne nyarewa a AWURADE de aba soɔ,

23 sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,

24 na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn?

25 Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no,

26 na wɔakɔ akɔsom anyame foforɔ na wɔasɔre wɔn, anyame a wɔnni wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn.

27 Na AWURADE abufuo dɛre tiaa asase yi maa no de nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so;

28 enti na watutu wɔn afiri wɔn asase soɔ abufuo ne aboɔhyeɛ ne abohuro kɛseɛ mu na wato wɔn agu asase bi soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

29 Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan