Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 28 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔsetie ho nhyira

1 Na sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so;

2 na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, ɛfiri sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne.

3 Nhyira bɛka wo wɔ kuro mu, na nhyira aka wo wɔ afuo mu.

4 Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.

5 Nhyira bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ.

6 Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifire mu.

7 AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre tia woɔ adi nkoguo w’anim; wɔnam ɔkwan koro so bɛfiri abɛhyia wo, na wɔnam akwan nson so adwane w’anim.

8 AWURADE bɛhyɛ nhyira ama no aba wo so wɔ w’asan so ne adeɛ a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na ɔbɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

9 Sɛ wodi AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonante n’akwan so a, AWURADE de wo bɛgyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛdeɛ waka wo ntam no.

10 Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ wɔde AWURADE din na afrɛ woɔ, na wɔbɛsuro wo.

11 Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so wɔ wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.

12 AWURADE bɛbue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so osuo ne berɛ mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo deɛ, woremfɛm obi hɔ biribi.

13 Sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnneɛ AWURADE bɛma woakɔ kan na worenka akyire, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da;

14 Ne saa nti, mmane mfiri nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn.


Asoɔden ho nnome
( Lewitikɔs 26.14-46 )

15 Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo.

16 Nnome bɛka wo, kuro mu, na nnome aka wo, wiram.

17 Nnome bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ.

18 Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.

19 Nnome bɛka wo, wo fieba mu, na nnome bɛka wo w’adifire mu.

20 AWURADE bɛma nnome, benabɔ ne adapaabɔ aba wo so deɛ wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akɔsi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwɛre woɔ, na woasɛe ntɛm, ɛfiri sɛ woagya me.

21 AWURADE bɛma ɔyaredɔm afam wo ho de akɔsi sɛ ɔbɛwie wo hyeɛ afiri asase a worekɔ so akɔfa no soɔ.

22 AWURADE de ɛfɔn, ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ.

23 Na ɔsoro bɛyɛ sɛ kɔbere mfrafraeɛ ama wo, na asase ayɛ sɛ dadeɛ ama wo.

24 Na AWURADE bɛma mfuturo ne nso atɔ sɛ osuo ama no agu w’asase so de akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

25 AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu.

26 Na wo funu bɛyɛ ewiem nnomaa nyinaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renka wɔn.

27 AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.

28 AWURADE de adammɔ ne anifira ne akoma mu ahodwirie bɛbɔ wo.

29 Na wobɛkeka awia ketee sɛdeɛ onifirani keka sum mu, na w’akwan renwie wo yie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afom wo afa daa nyinaa, na obiara rennye wo.

30 Wobɛgye ɔbaa aware, na obi ne no ada; wobɛsi dan, na worentena mu; wobɛtɛ bobeturo, na worente ɛso aba.

31 Wɔbɛkum wo nantwie w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afunumu w’anim, na wɔrennane mma wo; wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, na worennya ɔgyefoɔ.

32 Wɔde wo mmammarima ne wo mmammaa bɛma ɔman bi, na w’ani bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’ani atɔ sia daa nyinaa, ɛfiri sɛ tumi biara nni wo nsam.

33 W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;

34 na w’ani so adeɛ a wobɛhunu no bɛbɔ wo dam.

35 AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi.

36 AWURADE de wo ne wo hene a wobɛsi no wo soɔ no bɛkɔ ɔman a wo ne wo nananom nnim soɔ, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ, nnua ne aboɔ.

37 Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu.

38 Wode aba pii bɛfiri akɔ afuom, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛdi.

39 Wobɛtɛ bobe nturo na woadɔ mu, na nsa deɛ, worennom, na woremmoa aba no ano, ɛfiri sɛ mmoa bɛdi.

40 Wobɛnya ngodua w’asase nyinaa so, na ngo deɛ, worensra bi, ɛfiri sɛ wo ngodua no bɛpore agu.

41 Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu.

42 Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛ bɛfa.

43 Ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛne wo ara, na wo deɛ, wobɛsiane aba famfamfam;

44 ɔno deɛ, ɔbɛfɛm wo adeɛ, na wo deɛ, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛkɔ kan, na wo deɛ, woaka akyire.

45 Na nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ woɔ no soɔ.

46 Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wo ne w’asefoɔ ho daa.

47 Ɛsiane sɛ woamfa anigyeɛ ne akoma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn w’ahonya mu nti,

48 wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ.

49 AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa,

50 ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akɔkoraa anim na aberanteɛ nyɛ wɔn mmɔbɔ.

51 Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

52 Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu akɔsi sɛ w’afasuo atentene a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no bɛdwiri aguo, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no nyinaa so.

53 Na wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mmammarima ne wo mma mmaa a AWURADE wo Nyankopɔn ama woɔ no nam, ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ no mu.

54 Ɔbarima a ɔdwoɔ na ɔwɔ tema wɔ wo mu bɛnya ne nua ne ne kokom yerɛ ne ne mma nkaeɛ a wama no aka no ho anibɔne,

55 sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredie no bie, ɛfiri sɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, — ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no mu.

56 Wo mu ɔbaa nso a ɔdwoɔ na ahodɔ ne mmerɛyɛ nti ɔnsɔ nhwɛɛ pɛn sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no bɛnya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babaa ho anibɔne,

57 na ɔbɛdi ne mma a wawo wɔn ne akyiriadeɛ wɔ kokoam, ɛsiane ahohiahia ne ahokyere a wo tamfo bɛma aba wo soɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no nti.

58 Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a,

59 ɛnneɛ AWURADE bɛma wo haw ne w’asefoɔ haw ayɛ nwanwa, ɔhaw akɛseɛ a ɛkyɛreɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛreɛ;

60 na ɔde Misraim nyarewa a wosuro no nyinaa no bɛba wo so, na abɛfemfam wo ho;

61 nso yadeɛ biara ne ɔhaw biara a wɔntwerɛɛ no mmara yi nwoma mu no, AWURADE de bɛba wo so akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.

62 Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kane no na mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne.

63 Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so.

64 Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;

65 na amanaman no mu nso worennya ahodwoɔ, na w’anammɔn rennya home; ɛhɔ na AWURADE bɛma wo akoma a ɛtuo ne ani a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ɛkusa;

66 na wo nkwa bɛsɛne w’anim ahinhim, na wobɛsuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni.

67 Na w’akoma mu suro a wobɛsuro ne w’ani so adeɛ a wobɛhunu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anwummerɛ ɛ, na anwummerɛ nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ!

68 Na AWURADE de wo bɛsane afa ahyɛn mu akɔ Misraim wɔ ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhunu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfoɔ sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo mpo.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan