5 Mose 26 - New Revised Asante Twi BibleAduanekan afɔdeɛ 1 Na sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so na wofa tena so a, 2 fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no, 3 na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ maduru asase a ɔkaa yɛn nananom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so. 4 Na ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim. 5 Na gye so ka no AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Na m’agya yɛ Aramni a anka ɔkyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi na ɛsiane kɔɔ Misraim kɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ, na ɔyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔyɛ den na wɔdɔreeɛ wɔ hɔ; 6 na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom denden too yɛn so; 7 na yɛsu frɛɛ AWURADE yɛn nananom Nyankopɔn, na ɔtiee yɛn nne, na ɔhunuu yɛn mmɔborɔ a yɛyɛ, yɛn haw ne yɛn ahodwan. 8 Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae. 9 Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. 10 Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduanekan maba; na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre n’anim, 11 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no. 12 Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a, 13 ɛnneɛ ka no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronneɛ afiri me fie, na mede mama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ nso, sɛdeɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa teɛ, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi; 14 mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa. 15 Firi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛdeɛ wokaa yɛn nananom ntam no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. 16 Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ. 17 Ɛnnɛ woaka no AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanante n’akwan so, na woadi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ so, na woatie ne nne. 18 Na AWURADE nso aka no wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ ɔno ara ne man, sɛdeɛ wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so, 19 na wama wo so akyɛne amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyie ne din ne animuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012