5 Mose 25 - New Revised Asante Twi Bible1 Sɛ ɔham ba nnipa mmienu ntam a, wɔmmra asɛnniiɛ, na wɔmmu wɔn atɛn, na wɔmmu ɔteneneeni bem, na wɔmmu ɔbɔnefoɔ fɔ. 2 Na sɛ ɔbɔnefoɔ no di hweɛ a, ɔtemmufoɔ no mma no nna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodoɔ a ɛsɛ ne bɔne no. 3 Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛntra so, na wantra so anhwe no mmaa pii ansene yei, na wo nua annane w’ani so ɔhohorani. 4 Nkata nantwie a ɔpore ayuo ano. 5 Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu baako wu na ɔnni ba a, owufoɔ no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔhoɔ; ne kunu nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ ekunu nua ayɛdeɛ mma no. 6 Na abakan a ɔbaa no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a ɔwuiɛ no din nto no, na ne din ampepa amfiri Israel. 7 Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnneɛ ne nua yere no nkɔ kuro pono ano mpanimfoɔ nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me ekunu nua ayɛdeɛ. 8 Na ne kurom mpanimfoɔ no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no, na sɛ ɔgyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no a, 9 ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie. 10 Na wɔmfrɛ ne fie wɔ Israel mu sɛ: Deɛ wɔayi ne nan ase mpaboa no fie. 11 Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na ɔbaako yere twe pini sɛ ɔrebɛgye ne kunu afiri deɛ ɔrehwe no no nsam, na ɔbaa no tene ne nsa sɔ ne barima mu a, 12 ɛnneɛ twa ɔbaa no nsa; mma w’ani nnhu no mmɔbɔ. 13 Nnya abrammoɔ ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fotoɔ mu. 14 Nnya efa ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fie. 15 Nya abrammokwanmu a ɛtene, nya efa a ɛduro na ɛtene, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. 16 Na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, wɔn a wɔtwa nkontompo nyinaa. Wɔmpepa Amalek nkaeɛ 17 Kae deɛ Amalek yɛɛ wo kwan soɔ berɛ a mofiri Misraim reba no, 18 sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn. 19 Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi. |
The Bible Society of Ghana, 2012