5 Mose 23 - New Revised Asante Twi BibleDeɛ ɔmfata sɛ ɔba AWURADE badwa mu 1 Deɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa ne deɛ ne barima atwa no mmma AWURADE badwa mu. 2 Adwaman ba biara mmma AWURADE badwa mu; n’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu. 3 Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da, 4 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti. 5 Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ ɔtie Bileam, na ɔdanee nnome no nhyira maa wo, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo. 6 Nhwehwɛ wɔn asomdwoeɛ ne wɔn papa da, wo nna nyinaa. 7 Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ. 8 Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mmra AWURADE badwa mu. Ɛdɔm ahoteɛ 9 Sɛ wofiri kɔkyere w’atamfo so nsraban a, hwɛ wo ho yie adebɔne nyinaa ho. 10 Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho nteɛ wɔ ne ho a ɛsene anadwo no nti a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ nsraban no akyi, ɔmmma nsraban no mu. 11 Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔmfa nsuo nnware, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsraban no mu. 12 Na yɛ baabi, nsraban no akyi fa, na woafiri akɔgya wo nan wɔ hɔ. 13 Na fa sofi ka wo nnoɔma ho, na sɛ wokɔgya wo nan nsraban no akyiri hɔ awie no, fa sofi no tutu fam, na kata agyanan no so. 14 Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi. Akoa dwanefoɔ 15 Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa; 16 ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkuro mu baako a ɔbɛfa a ɛyɛ ma no mu; nhyɛ ne so. 17 Israel mmammaa mu biara nnnane odwamamfoɔ, na Israel babarima biara nnnane odwamamfoɔ. 18 Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ. Mfɛntomu, bɔhyɛ ne tɔsofa ho mmara 19 Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho. 20 Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntomu, na wo nua deɛ, nnye ne hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so. 21 Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne. 22 Nanso woanhyɛ bɔ no koraa deɛ a, ɛnyɛ bɔne mma wo. 23 Deɛ afiri w’ano no, di so na yɛ, sɛdeɛ wofiri wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no. 24 Sɛ woduru wo yɔnko bɔbeturom a, di aba no bi sɛdeɛ wopɛ mee, na mfa bi ngu w’adeɛ mu. 25 Sɛ woduru wo yɔnko ayuo a ɛgyina hɔ mu a, fa wo nsa pempane mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko ayuo so. |
The Bible Society of Ghana, 2012