Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 22 - New Revised Asante Twi Bible

1 Nhwɛ wo nua nantwie anaa ne dwanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; fa no sane brɛ wo nua no.

2 Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wonni no a, ɛnneɛ fa no bra wo fie na ɔntena wo nkyɛn nkɔsi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadane no ama no.

3 Na saa nso na yɛ n’afunumu, ne ntoma, ne wo nua adeɛ biara a ayera a wobɛhunu no; ntwe wo ho mfiri ho.

4 Nhwɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie sɛ wɔahwe ase kwan mu, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; boa no ma no mma wɔn so.

5 Ɔbaa nnhyɛ ɔbarima adeɛ, na ɔbarima nso mmfira ɔbaa ntoma, ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ yei nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

6 Sɛ wokɔpue anomaa pirebuo ɔkwan mu, dua bi so anaa ɛfam, mma oo, nkosua oo, na ɛna no butu mma no anaa nkosua no so a, nkyere ɛna no nka mma no ho;

7 na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yie na wɔama wo nna aware.

8 Sɛ wosi dan foforɔ a, gye wo dan atifi ban, na obi amfiri hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodie amma wo dan no so.

9 Mfa ade ahodoɔ mmienu nnua wo bobeturom, na anyɛ saa a wobɛhwere w’aduadeɛ a woduaeɛ no ne bobe turo no mu nnɔbaeɛ no nyinaa.

10 Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum.

11 Mfira ntoma a wɔde kuntu ne asaawa afra anwono.

12 Yɛ wo ntoma a wode kata wo soɔ ahinanan so nnwo.

13 Sɛ obi ware yerɛ na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio,

14 na ɔde animguasesɛm to ne so, na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbaa yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabunu a,

15 ɛnneɛ ababaawa no agya ne ne na mfa ababaawa no baabunuyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mfiri mmra kuro no mu mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano,

16 na abaayewa no agya nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mede me babaa mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio.

17 Na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato ne so sɛ: Manto wo babaa no ɔbaabunu; nso me ba baabunuyɛ adeɛ nie. Na wɔntrɛ ntoma no mu kuro no mu mpanimfoɔ no anim.

18 Na kurom hɔ mpanimfoɔ no mfa ɔbarima no ntwe n’aso,

19 na wɔnnye no dwetɛ nnwetɛbena ɔha mfa mma ababaa no agya, ɛfiri sɛ wabɔ Israel mu ɔbaabunu dimmɔne; na ɔnkɔso nware no, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu.

20 Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhunu ababaawa no ɔbaabunu a,

21 ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.

22 Sɛ wohunu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbaa a ɔyɛ obi yere da a, ɛnneɛ wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no; na yi bɔne no firi Israel.

23 Sɛ wɔde ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kuro mu na ɔne no da a,

24 ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu.

25 Na sɛ ɔbarima bi hunu ababaa ɔwarefoɔ wɔ wiram, na ɔbarima no kye no ne no da a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no nko na ɔnwuo,

26 na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ wuo nni ababaa no so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ onipa sɔre tia ne yɔnko ku no no, saa na asɛm yi teɛ.

27 Ɛfiri sɛ wiram na ɔhunuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teaa mu, na na obi a ɔbɛgye no nni hɔ.

28 Sɛ ɔbarima bi hunu ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkye no ne no da na wɔhu wɔn a,

29 ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.

30 Ɔbarima biara nnware n’agya yere, na ɔnnyi ɔbaa a ɔyɛ n’agya deɛ adagya so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan