5 Mose 21 - New Revised Asante Twi BibleEsum ase awudie 1 Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wonnim deɛ ɔkumm no a, 2 ɛnneɛ wo mpanimfoɔ ne w’atemmufoɔ mfiri adi nkɔsusu nkɔduru nkuro a ɛdeda deɛ wɔaku no no ho no so; 3 na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no ho no, saa kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwiburuwa a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔnnua pɛn, 4 nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu. 5 Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara; 6 na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no mu mpanimfoɔ no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiburuwa a wɔabu ne kɔn mu subonhwa no mu no so, 7 na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛn ani anhunu. 8 AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn. 9 Na wo deɛ, yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi wo mu, na yɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so. Mmaa a wɔafa wɔn nnommum 10 Sɛ wotu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu bi nnommum, 11 na wohunu nnommum no mu baabereɛ bi, na wopɛ sɛ wofa no yɛ wo yere a, 12 ɛnneɛ fa no bra wo fie, na ɔnyi ne ti, na ɔmmubu ne mmɔwerɛ, 13 na ɔnyi ne dommum atadeɛ mfiri ne ho, na ɔntena wo fie nnyam n’agya ne ne na bosome mu, na ɛno akyiri no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɛyerɛ. 14 Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma no mfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ ɔpɛ, na tɔn deɛ, ntɔn no nnye sika, ɛne no nnni no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ woahodwo no. Mmakan dibea 15 Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ ɔbaako, na ɔnnɔ ɔbaako, na wɔn baanu no no wowo mma ma no, na abakan no yɛ deɛ ɔnnɔ no no ba a, 16 ɛnneɛ da a ɔrekyɛ n’adeɛ mu ama ne mma no, ɔmmfa deɛ ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni deɛ ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim. 17 Na ɔmmu deɛ ɔnnɔ no no ba no abakan mma no deɛ ɔwɔ nyinaa mu abupɛn mmienu; na ɔne n’ahoɔden asefire, abakan dibea yɛ ne dea. Ɔba ɔtuatefoɔ 18 Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ a ɔntie n’agya ne ne na asɛm, na wɔtea no na ɔntie wɔn a, 19 ɛnneɛ n’agya ne ne na nkye no mfa no mfiri adi nkɔ ne kurom mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano, 20 na wɔnka nkyerɛ ne kuro no mu mpanimfoɔ no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ, ɔntie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne nsabofoɔ. 21 Na ne kuro no mu mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu; na yi bɔne no firi wo mu na Israel nyinaa nte na wɔnsuro. Mmara ahodoɔ bi 22 Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ kum na wɔku no de no sɛne dua bi so a, 23 ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi. |
The Bible Society of Ghana, 2012