5 Mose 20 - New Revised Asante Twi BibleƆsatuo ho mmara 1 Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho. 2 Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfoɔ no mpinkyɛ mmɛkasa nkyerɛ ɔman no, 3 na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, 4 ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo. 5 Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano. 6 Na onii ko a watɛ bobeturo na ɔnnya nyii ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano. 7 Na onii ko a wagye ɔbaa bi awadeɛ na ɔnnya nhyiaa no no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ammfa no sɛ ɔyerɛ. 8 Na ahwɛfoɔ no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a ɔsuro na n’akoma tuo no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wamma ne nuanom akoma annane sɛ ne deɛ. 9 Na sɛ ahwɛfoɔ no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti. 10 Sɛ wobɛn kuro bi ne no rekɔko a, ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ no. 11 Na sɛ ɔbua wo asomdwoeɛ so na ɔhini wo a, ɔman a wobɛhu wɔn hɔ no nyi toɔ mma wo nsom wo. 12 Na sɛ wɔne wo anni asomdwoeɛsɛm na wɔne wo ko a, ɛnneɛ tua kuro no; 13 na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrantɛ bobɔ emu mmarima nyinaa, 14 nanso mmaa ne mmɔfra ne afieboa ne deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa, emu asadeɛ nyinaa deɛ, fom fa, na di w’atamfo asadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no. 15 Saa na yɛ nkuro a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkuro bie no. 16 Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa, 17 na sɛe wɔn pasapasa: Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no. 18 Na wɔankyerɛ mo wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne. 19 Sɛ wotua kuro bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe hɔ nnua, na ɛso aba bi na die, na mmu ngu. Afuo mu dua yɛ onipa na woasɛe no? 20 Nanso nnua a wonim sɛ ɛnyɛ nnua a wɔdie no deɛ, sɛe no na twa fa yɛ kuro a ɛne wo redi ako no ntuaban kɔsi sɛ wobɛbrɛ no aseɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012