5 Mose 18 - New Revised Asante Twi BibleAsɔfoɔ ne Lewifoɔ agyapadeɛ ne AWURADE 1 Wɔmmma Lewifoɔ asɔfoɔ, Lewi abusuakuo nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapadeɛ biara Israel mu: AWURADE gya afɔdeɛ so adeɛ ne n’agyapadeɛ a wɔnnie; 2 na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. 3 Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no; 4 w’aburoo, wo nsa ne wo ngo adikan ne wo nnwan ho nwi a wotwa kane no, fa ma no, 5 ɛfiri sɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afiri wo mmusuakuo nyinaa mu, sɛ ɔnnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa. Lewifoɔ kyɛfa 6 Na sɛ Lewini bi firi wo nkuro no biara mu, firi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ a, 7 ɛnneɛ ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifoɔ a wɔgyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no. 8 Wɔnnya kyɛfa korɔ nni nka deɛ ɛfiri n’agyanom adeɛ a wɔatɔn mu no ho. Amanaman nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ 9 Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ. 10 Mma wɔnnhunu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa ogya mu, ɔkɔmfoɔ a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifoɔ, ɔdebisafoɔ, ntafowayifoɔ, 11 nkaberɛkyerefoɔ, samanfrɛfoɔ, adutofoɔ ne deɛ ɔbisa afunu, 12 ɛfiri sɛ AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, na akyiwadeɛ yi nti na ɔretu wɔn afiri w’anim yi. 13 Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no amudie mu. 14 Na amanaman yi a worekɔtu wɔn yi tie abayifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, na wo deɛ, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no saa. Wɔntie Onyankopɔn diyifoɔ no 15 Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no. 16 Sɛdeɛ wobisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb adwabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhunu ogya kɛseɛ yi bio, na manwu! 17 Ɛno na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Deɛ wɔaka no wɔaka no yie: 18 Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn. 19 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka no me din mu no, me na mɛbisa no ne hɔ. 20 Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu. 21 Ebia wobɛka no w’akoma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛhunu asɛm a AWURADE nkaeɛ no? 22 Sɛ odiyifoɔ bi kasa wɔ AWURADE din mu, na asɛm korɔ no amma mu anaa ɛnyɛ nokorɛ a, na asɛm no mfiri AWURADE; ahantan mu na odiyifoɔ no kasaeɛ, nsuro no. |
The Bible Society of Ghana, 2012