5 Mose 17 - New Revised Asante Twi BibleAfɔrebɔdeɛ 1 Mfa nantwie anaa odwan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔdeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’akyiwadeɛ. 2 Sɛ wɔhunu wo mu, wo nkuro a ɔde rema woɔ no biara mu ɔbarima anaa ɔbaa bi a ɔyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani soɔ bu apam so, 3 na ɔkɔ kɔsom anyame foforɔ bi te sɛ owia anaa ɔsrane anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara, 4 na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnneɛ hwehwɛ mu yie; na sɛ wohunu sɛ ɛyɛ nokorɛ, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ Israel a, 5 ɛnneɛ fa ɔbarima anaa ɔbaa a wadi saa asɛmmɔne yi firi adi wo kuro apono ho, na si no aboɔ ma ɔnwu. 6 Adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so na wɔmfa nkum deɛ ɔsɛ wuo; wɔmmfa ɔdanseni baako anomu asɛm so nnku no. 7 Adansefoɔ no nsa na ɛngu ne so kane nku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no firi wo mu. 8 Sɛ asɛm bi a ɛho atemmuo yɛ wo den te sɛ awudie, manso, ɔpira ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam si, na ɛyɛ wo nkuro mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnneɛ sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ, 9 na kɔ asɔfoɔ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔbisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a buo. 10 Na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo faako a AWURADE bɛkyerɛ no so, na hwɛ na yɛ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ woɔ nyinaa. 11 Mmara a wɔbɛkyerɛ woɔ ne atemmuo a wɔbɛka akyerɛ woɔ no so na die, mmane mfiri asɛm a wɔbɛkyerɛ woɔ no ho nkɔ nifa anaa benkum. 12 Na onipa a ɔbɛdi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufoɔ no, saa onipa no nwu; 13 na yi bɔne no firi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wɔnsuro, na wɔanni ahantansɛm bio. Ɔhene yie ne n’asɛdeɛ 14 Sɛ woduru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mɛsi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a, 15 fa deɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so hene. 16 Nanso ɔhene no mma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsane nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodoɔ; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsane mmfa ɔkwan yi so bio. 17 Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na n’akoma ammane; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii. 18 Na sɛ ɔte n’ahennie adwa so a, ɔnhwɛ mmara yi nwoma a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ anim no so ntwerɛ bi mfa; 19 na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛdeɛ yi so hwɛ ne ɛsodie, 20 na n’akoma amma ne ho so ansene ne nuanom, na wammane amfiri mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahennie mu, ɔno ne ne mma, Israel mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012