5 Mose 16 - New Revised Asante Twi BibleAfahyɛ ahodoɔ no ho mmara 1 Hwɛ bosome Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo. 2 Enti kum Twam afɔdeɛ no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nnwan ne anantwie, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena no. 3 Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa. 4 Na mma wɔnnhunu mmɔreka wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnanson; nso mma nam a wɔku no da a ɛdi kan anwummerɛ no bi nnka nnkɔsi anɔpa. 5 Nkum Twam no wɔ wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no biara mu, 6 gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na kum Twam no anwummerɛ a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fire berɛ no mu; 7 na ma no mmen na di no faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na adeɛ kye a, woasane akɔ wo ntomadan mu. 8 Nnansia na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara. 9 Adapɛn nson na kan fa; da a wɔrefiri aseɛ de kantankrankyi ahyɛ ayuo mu no na firi kan adapɛn nson; 10 na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamyi afɔdeɛ sɛdeɛ wahyira woɔ no. 11 Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no; 12 na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛdeɛ yi. 13 Di asese nnapɔnna nnanson, berɛ a woaboaboa w’ayuporebea ne wo nsa-kyi-amena mu adeɛ ano no; 14 na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu. 15 Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara. 16 Afirinhyia baako mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ. Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmɛyi wɔn ho adi AWURADE anim. 17 Obiara mma deɛ ne nsa bɛso soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira woɔ no teɛ. Atemmufoɔ ne atemmuo ho asɛm 18 Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no. 19 Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu. 20 Asɛntenenee nko ara akyi na die, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no. 21 Ntɛ nnua biara mfa nyɛ abosompɔ wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia a worebɛsie no ho; 22 na mfa ɔboɔ dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne no. |
The Bible Society of Ghana, 2012