5 Mose 14 - New Revised Asante Twi BibleMmoa a monni ne deɛ monnni 1 AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, mommmotabota mo ho na monnyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ mo moma so mmma owufoɔ biara; 2 na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu. 3 Nni akyiwadeɛ biara. 4 Yeinom ne mmoa a monnie: Nantwie, odwanten ne abirekyie; 5 ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abedeɛ. 6 Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apaeɛ, na ne tɔte mu apae nta mmienu, na ɔpu wesa, mmoa mu no, ɔno na monnie. 7 Nanso yeinom deɛ, monnni, wɔn a wɔpu wesa ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpae, wɔn ho nte mma mo; 8 ne prako nso, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu. 9 Yei ne deɛ monnie, deɛ ɛwɔ nsuom nyinaa mu, deɛ ɛwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa, monni. 10 Na biribiara a ɛnni tɛtɛ ne abon no, monnni: Ɛho nte mma mo. 11 Anomaa biara a ne ho teɛ no, monni. 12 Na yeinom ne wɔn a monnnie: Ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, asuo so kɔdeɛ, 13 ɔkompɛtɛ, asansa, ɔkom, n’ahodoɔ, 14 anene ahodoɔ nyinaa, 15 sohori, anadwoakorɔma ne ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, n’ahodoɔ, 16 patubiaa, patukɛseɛ, bakanoma 17 nantwinoma, ɔpɛtɛ, ɛpo so anene, 18 sukɔnkɔn, sukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan. 19 Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho nte mma mo; monnni. 20 Ntuboa a wɔn ho teɛ nyinaa, monni. 21 Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu. Ntotosoɔ du du ho mmara 22 W’adeɛ a woduaeɛ nnɔbaeɛ a w’afuo ma daa afirinhyia no, yi so ntotosoɔ du du. 23 Na di no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no, w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa. 24 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wontumi nsoa, ɛfiri sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a, 25 ɛnneɛ dane no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayie no. 26 Na fa sika no tɔ adeɛ biara a wo kra kɔn dɔ, nantwie ne odwan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fie ani nnye. 27 Na Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu no, mma wo werɛ mmfiri no, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ. 28 Mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no, yi w’afe no mu nnɔbaeɛ so ntotosoɔ du du gugu wo kuro apono mu, 29 na Lewini, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ no, ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu mmra mmɛdi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012