5 Mose 11 - New Revised Asante Twi BibleƆsetie ho kɔkɔbɔ 1 Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛdeɛ, n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ ne ne mmara nsɛm nna nyinaa. 2 Na monhunu nnɛ, (na ɛnyɛ me ne mo mma a wɔnnim na wɔnhunuiɛ no) monhunu AWURADE mo Nyankopɔn ntea, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a watene mu 3 ne ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ne nneyɛɛ a ɔyɛɛ no Misraim a ɔde yɛɛ Misraimhene Farao ne n’asase nyinaa, 4 ne deɛ ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde reti mo a ɔmaa Mmɛwa Po mu nsuo bu faa wɔn soɔ, na AWURADE sɛee wɔn, de abɛduru nnɛ da yi, 5 ne deɛ ɔyɛɛ mo ɛserɛ so bɛsii sɛ moduruu ha yi, 6 ne deɛ ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anomu menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne wɔn a wɔdii wɔn akyire nyinaa firii Israel nyinaa mfimfini no; 7 na mo ani ahunu AWURADE nneyɛɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa. 8 Enti monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no, 9 na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. 10 Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ a woguu w’aba na wode wo nan guguu so nsuo sɛ ɛfan turo mu no; 11 na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔ ne mmonhwa asase a ɛnom ɔsoro nsuo, 12 asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa, a n’ani wɔ so firi afe mfitiaseɛ kɔsi afe awieeɛ. 13 Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a, 14 ɛnneɛ mɛma mo asase so osuo atɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔ, na woaboaboa w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ano, 15 na mɛma wo serɛ so aba wira ama w’afieboa, na woadidi amee. 16 Monhwɛ mo ho yie na wɔannaadaa mo akoma, na moammane ankɔsom anyame foforɔ ansɔre wɔn, 17 na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so. 18 Enti momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire; 19 na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu; 20 na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so; 21 na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛdeɛ ɔsoro a ɛkata asase soɔ yi nna teɛ. 22 Na sɛ mobɛdi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na moadɔ AWURADE mo Nyankopɔn anante n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a, 23 ɛnneɛ AWURADE bɛtutu amanaman yi nyinaa afiri mo anim, na moafa amanaman akɛseɛ a wɔyɛ den sene mo. 24 Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase. 25 Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro bɛgu asase a mobɛfa soɔ nyinaa so, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no. Nhyira ne nnome 26 Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ: 27 Sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, mobɛnya nhyira, 28 na sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm na momane firi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kɔdi anyame foforɔ a monni wɔn akyiri a, mobɛnya nnome. 29 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so a, ka nhyira no Gerisim bepɔ so ne nnome no nso Ebal bepɔ so. 30 Ɛnni Yordan agya, owiatɔeɛ kwan no akyi, Kanaanfoɔ a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentensoɔ, More pɔ ho? 31 Na morebɛtwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so. 32 Enti monhwɛ yie na monyɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa. |
The Bible Society of Ghana, 2012