Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 10 - New Revised Asante Twi Bible


Aboɔ apono no ho asɛm

1 Saa berɛ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no na fa foro bra me nkyɛn bepɔ no so, na yɛ dua adaka;

2 na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu.

3 Na meyɛɛ okuo adaka, na mesenee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam.

4 Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.

5 Na medanee me ho siane firii bepɔ no so, mede apono no mebɛsiee adaka a meyɛeɛ no mu, na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6 (Na Israelfoɔ tu firii Beerot-bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasa sii n’ananmu dii sɔfoɔ.

7 Ɛfiri hɔ na wɔtu kɔɔ Gudgod, na wɔfirii Gudgod kɔɔ Yotbat, asase a nsutene wɔ soɔ.

8 Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.

9 Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapadeɛ ne nuanom mu. AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.)

10 Na me deɛ, megyinaa bepɔ no so sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, na AWURADE tiee me saa berɛ no nso, na wampɛ sɛ ɔsɛe woɔ.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔdi ɔman no anim ma wɔntu nkɔfa asase a mekaa wɔn nananom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.


AWURADE apɛdeɛ

12 Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,

13 na woadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na asi wo yie.

14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

15 Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

16 Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.

17 Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;

18 ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.

19 Enti monnɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ moyɛɛ ahɔhoɔ Misraim asase so.

20 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.

21 Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.

22 Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan