4 Mose 35 - New Revised Asante Twi BibleLewifoɔ nkuro 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ a wɔanya no mu nkuro bi mma Lewifoɔ no na wɔntena mu, na nkuro no ho mmoa adidibea nsase nso momfa mma Lewifoɔ. 3 Na nkuro no nyɛ wɔn tenabea, na ɛho mmoa adidibea nsase no nneda hɔ mma wɔn anantwie ne wɔn nyɛmmoa ne wɔn mmoa nyinaa. 4 Na nkuro no ho mmoa adidibea nsase a mode bɛma Lewifoɔ no mfiri kuro no fasuo akyi nkɔ basafa ahanum ahanum ntwa ho nhyia. 5 Na monsusu kuro no akyi apueeɛ fam basafa apem ne anafoɔ fam basafa apem ne atɔeɛ fam basafa apem ne atifi fam basafa apem, na kuro no nna ntam. Yei ne nkuro no ho mmoa adidibea nsase a ɛnyɛ wɔn dea. 6 Na nkuro a mode ma Lewifoɔ no nyɛ dwanekɔbea nkuro nsia a mode bɛma sɛ nnipakumfoɔ nnwane nkɔ hɔ; na momfa nkuro aduanan mmienu nka ho: 7 Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no nyinaa nyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ɛho mmoa adidibea nsase. 8 Na nkuro a mogye firi Israelfoɔ no agyapadeɛ mu ma Lewifoɔ no, wɔn a wɔn deɛ dɔɔso no, wɔn hɔ na monnye pii, na wɔn a wɔn deɛ sua no, monnye wɔn hɔ kakraa bi. Obiara sɛdeɛ n’agyapadeɛ a wanya no dodoɔ teɛ no na ɔmfa ne nkuro no bi mma Lewifoɔ. Dwanekɔbea nkuro 9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a, 11 monyiyi nkuro a ɛfata na ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro mma mo, na onipakumfoɔ a ne nsa apa obi ho no adwane akɔ hɔ. 12 Na nkuro no nyɛ dwanekɔbea mma mo mfiri ɔweretɔfoɔ nsam, na onipakumfoɔ no anwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa. 13 Na nkuro a mobɛyie no nyɛ mo dwanekɔbea nkuro nsia. 14 Monyi nkuro mmiɛnsa mma Yordan agya, na monyi nkuro mmiɛnsa nso mma Kanaan asase so; 15 ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro, na nkuro nsia yi nyɛ dwanekɔbea mma Israelfoɔ ne ɔhɔhoɔ ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no adwane akɔ hɔ. 16 Na sɛ obi de dadeɛ bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no. 17 Na sɛ obi kura ɔboɔ a ɛbɛtumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no. 18 Anaasɛ ɔkura dua a ɛbɛtumi akum onipa de bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no. 19 Mogya ho weretɔfoɔ na ɔnkum owudini no; ɔto no a, ɔnku no. 20 Na sɛ ɔtane so na ɔwɔɔ no, anaasɛ ɔboapa to biribi bɔ no ma no wu, 21 anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma no wu a, kum na wɔnkum deɛ ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudini: Mogya ho weretɔfoɔ, sɛ ɔto owudini no a, ɔnku no. 22 Na sɛ obi sum obi hwe fam mpofirim na ɛnyɛ nitan so, anaasɛ ɔto adeɛ biara na ɛbɔ no, na wammoapa, 23 anaasɛ wanhunu obi na ɔde ɔboɔ bi a ɛtumi kum onipa bɔ no ma no wu, na ɔnyɛ ne tamfo, nso ɔmpɛ no bɔne bi a, 24 ɛnneɛ asafo no nnyina saa ahyɛdeɛ yi so mmu onipakumfoɔ no ne mogya ho weretɔfoɔ no ntam atɛn. 25 Na asafo no nyi onipakumfoɔ no mfiri mogya ho weretɔfoɔ no nsam, na asafo no mfa no nsane nkɔ ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔasra no sra ngo kronkron no bɛwuo. 26 Na sɛ onipakumfoɔ no firi adi tra ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no hyeɛ so, 27 na mogya ho weretɔfoɔ no kɔto no ne dwanekɔbea kuro no hyeɛ akyi, na mogya ho weretɔfoɔ no kɔkum onipakumfoɔ no a, ɔnni mogya ho fɔ. 28 Na anka ɛsɛ sɛ ɔtena ne dwanekɔbea kuro no mu kɔsi sɛ ɔsɔfo panin no bɛwuo, na ɔsɔfo panin no wuo akyiri no, onipakumfoɔ no asane aba asase a ɛyɛ n’agyapadeɛ no so bio. 29 Na yei nyɛ atemmuo ahyɛdeɛ mma mo, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, mo tenabea nyinaa mu. 30 Obiara a ɔkum obi no, adansefoɔ anomu asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfoɔ no; na ɔdanseni baako nnni adanseɛ nntia ɔkra biara mmma no nnwu. 31 Nso monnnye owudini a ɔdi fɔ sɛ wakum onipa bi no hɔ biribiara mmfa nnnye no nkwa; na mmom kum na wɔnku no. 32 Na monnnye agyedeɛ nso nnsi ne dwanekɔbea kuro mu dwanekorɔ ananmu mmma no nnsane mmmɛtena asase no so kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ no bɛwuo. 33 Na monnyɛ saa nngu asase a mote soɔ no ho fi, ɛfiri sɛ mogya no ara na ɛgu asase no ho fi, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu soɔ no nti, gye deɛ ɔkaa mogya guiɛ no ara ne mogya. 34 Na monngu asase a mote soɔ na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfoɔ mu no. |
The Bible Society of Ghana, 2012