4 Mose 34 - New Revised Asante Twi BibleAhyɛdeɛ wɔ Kanaanfoɔ ho 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ). 3 Mo anafoɔ fam nkyɛn mfiri Sin serɛ so Edom nkyɛn mu. Na mo anafoɔ fam hyeɛ no mfiri Nkyene Po awieeɛ wɔ apueeɛ; 4 na mo hyeɛ no mmra Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam, na ɛntwam nkɔ Sin, na ɛmfiri hɔ nkɔ Kades-barnea anafoɔ fam, na ɛmfiri hɔ nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon. 5 Na ɛhyeɛ no nkonton mfiri Asmon nkɔ Misraim subonhwa no mu, na ano nkɔpem po no ano. 6 Na atɔeɛ fam hyeɛ no deɛ, ɛpo kɛseɛ a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɛhyeɛ; ɛno na ɛnyɛ mo atɔeɛ fam hyeɛ. 7 Na yei nyɛ mo atifi fam hyeɛ: Momfiri po kɛseɛ no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔ, 8 na momfiri Hor bepɔ ho nkari deɛ wɔfa kɔ Hamat, na ɛhyeɛ no ano nkɔpem Sedad. 9 Na ɛhyeɛ no mfiri hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; yei na ɛnyɛ mo atifi fam hyeɛ. 10 Na monkari apueeɛ fam hyeɛ mfiri Hasar-enan nkɔ Sefam; 11 na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ; 12 na ɛhyeɛ no nsiane nkɔduru Yordan, na ano nkɔpem Nkyene Po ano. Yei ne mo asase no, sɛdeɛ ɛho ahyeɛ teɛ. 13 Na Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Yei ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛ mu nni soɔ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuo nkron ne fa no. 14 Na Ruben mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Gad mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn kyɛfa. 15 Mmusuakuo mmienu ne fa no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apueeɛ. 16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 17 Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua. 18 Na monyiyi mmusuakuo nyinaa mu mmapɔmma mmaako mmaako, na wɔnkyɛ asase no mu. 19 Mmarima no din nie: Yuda abusuakuo mu: Yefune ba Kaleb; 20 Simeon abusuakuo mu: Amihud ba Semuel; 21 Benyamin abusuakuo mu: Kislon ba Elidad; 22 Dan mma abusuakuo mu bapɔmma: Yogli ba Buki; 23 Yosef mma no deɛ: Manase mma abusuakuo mu bapɔmma: Efod ba Haniel; 24 Efraim mma abusuakuo mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel; 25 Sebulon mma abusuakuo mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan; 26 Isakar mma abusuakuo mu bapɔmma: Asan ba Paltiel; 27 Aser mma abusuakuo mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud; 28 Naftali mma abusuakuo mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel. 29 Yeinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfoɔ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012