4 Mose 31 - New Revised Asante Twi BibleMidianfoɔ sɛeɛ ne Bileam kum 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Tɔ Midianfoɔ so were ma Israelfoɔ, na ɛno akyiri no woati wo mpanimfoɔ wɔ asamando. 3 Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfoɔ so. 4 Israel mmusuakuo nyinaa mu momma abusuakuo biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no. 5 Na wɔyiyii Israel mpempem ahodoɔ mu nnipa mpem dummienu a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuo biara mu apem; 6 na Mose somaa wɔn maa wɔkɔɔ ɔsa no, abusuakuo biara mu apem, wɔne Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas a na kronkronbea hɔ nnoɔma no ne osebɔ ntotorobɛnto no wɔ ne nsam no. 7 Na wɔne Midian kɔkoe, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, na wɔkunkum mmarima nyinaa; 8 na wɔkumm Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔtotɔeɛ no ho. Midian ahemfo a wɔkumm wɔn yɛ baanum a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrantɛ kumm no. 9 Na Israelfoɔ no faa Midian mmaa ne mmɔfra nnommum, na wɔfom wɔn anantwie ne wɔn nnwan ne wɔn ahodeɛ nyinaa; 10 na wɔtotoo wɔn tenabea nkuro ne wɔn nsraban nyinaa mu gya. 11 Na wɔde asadeɛ no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfaeɛ no nyinaa 12 brɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfaeɛ ne asadeɛ no, wɔde baa nsraban no mu, Moab mpaperɛ a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so. 13 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mmapɔmma nyinaa firi nsraban no mu firii adi kɔhyiaa wɔn. 14 Na Mose bo fuu dɔm no asafohene a wɔdi apem apem ne ɔha ɔha soɔ a wɔfiri akono reba no; 15 na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmaa no nyinaa nkwa anaa? 16 Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfoɔ wae firii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo no mu. 17 Enti monkunkum mmɔfra no mu mmarima nyinaa, na mmaa no mu biara a ɔnim ɔbarima na ɔne ɔbarima ada no nso, monku no; 18 na mmɔfra no mu mmaa a wɔnhunuu mmarima nna no deɛ monnye wɔn nkwa na momfa wɔn. 19 Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no. 20 Na atadeɛ biara ne nwoma adeɛ biara ne adeɛ a wɔde abirekyie nwi ayɛ nyinaa ne dua adeɛ biara, monnwira ho. 21 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Yei ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛdeɛ: 22 Sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne sanya ne sumpii deɛ, 23 adeɛ biara a ɛkɔ ogya mu no, momma no mfa ogya mu na ɛho nte, nanso momfa ahodwira nsuo nnwira ho. Na adeɛ biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma no mfa nsuo mu. 24 Na monsi mo ntadeɛ da a ɛtɔ so nson no, na mo ho nte, na ɛno akyi ansa na mommra nsraban no mu. Asadeɛ mu kyekyɛ 25 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26 Wo ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu nananom afie mu atitire no mmu nnommum ne deɛ wɔfaeɛ, nnipa ne mmoa, no ano. 27 Na kyɛ asadeɛ no mu mmienu ma akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa. 28 Na gye akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ ɛtoɔ ma AWURADE: Nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan mu, ahanum ahanum mu mmaako mmaako, 29 firi wɔn fa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma Ɔsɔfoɔ Eleasa sɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ. 30 Na Israelfoɔ fa no mu deɛ, gye nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na fa ma Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no. 31 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 32 Nso asadeɛ a ɛyɛ asadeɛ a ɛdɔm no faeɛ no nkaeɛ yɛ nnwan apem ahansia ne mpem aduɔson nnum. 33 Ne anantwie mpem aduɔson mmienu, 34 ne mfunumu mpem aduosia baako, 35 ne akra mmabunu a wɔyɛ mpem aduasa mmienu a wɔnhunuu mmarima da. 36 Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano yɛ nnwan ɔpeha aduasa nson ne ahanum; 37 na nnwan no mu ɛtoɔ a wɔyi maa AWURADE yɛ nnwan ahansia aduɔson nnum; 38 na anantwie no yɛ mpem aduasa nsia, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduɔson mmienu; 39 na mfunumu no yɛ mpem aduasa ahanum, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduosia baako; 40 na akra no yɛ mpem dunsia, na wɔn mu ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduasa mmienu. 41 Na Mose de AWURADE mmasoɔ toɔ no maa Ɔsɔfoɔ Eleasa, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. 42 Na Israelfoɔ no fa a Mose gyee akofoɔ no nsam no mu deɛ, 43 ɔfa a ɛyɛ asafo no deɛ no nie: Nnwan no mu ɔpehasa ne mpem aduasa nson ne ahanum, 44 ne anantwie mpem aduasa nsia, 45 ne mfunumu mpemaduasa ne ahanum, 46 ne nnipa mpem dunsia. 47 Na Mose faa Israelfoɔ no fa no mu deɛ, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na ɔde maa Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 48 Ɛnna asafohene a wɔdi dɔm mu mpem ahodoɔ soɔ no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitire no twe pinii Mose 49 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofoɔ a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera; 50 enti na yɛde AWURADE ayɛyɛdeɛ reba yi, obiara a ɔnyaa sika nnwinneɛ, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, nsomuadeɛ ne kɔmuadeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim. 51 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee wɔn hɔ sika no, nnwinneɛ no nyinaa; 52 na mmasoɔ sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa yɛ nnwetɛbena mpem dunsia ne ahanson aduonum a ɛfiri apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam. 53 Deɛ akofoɔ no fom kaa ho no, wɔn ara fae. 54 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ adeɛ, AWURADE anim. |
The Bible Society of Ghana, 2012