Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 30 - New Revised Asante Twi Bible


Bɔhyɛ ho mmara

1 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ:

2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.

3 Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi berɛ a ɔda so wɔ n’agya fie, ne mmabaaberɛ mu,

4 na n’agya te ne bɔhyɛ no ne n’ahotua a ɔde tua ne kra biribie no, na n’agya anka ho biribi a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no gyina hɔ.

5 Na sɛ da a n’agya teɛ no wampene a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ nyinaa ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ. Na AWURADE de bɛkyɛ no, ɛfiri sɛ n’agya ampene.

6 Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa deɛ afiri n’anomu a ɔde atua ne kra biribie no da ne so,

7 na ne kunu te, na da a ɔteɛ no ɔyɛ komm a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na tua a ɔde atua ne kra biribie no gyina hɔ.

8 Na sɛ da a ne kunu teɛ no, wampene a, na wasane ne bɔhyɛ a ɛda ne soɔ ne deɛ ɛfirii n’anomu a ɔde tuaa ne kra biribie no, na AWURADE de bɛkyɛ no.

9 Na ɔbaa kunafoɔ anaa deɛ wɔako no bɔhyɛ deɛ, adeɛ biara a ɔtua ne kra no da ne so.

10 Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,

11 na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na adeɛ biara a watua ne kra no gyina hɔ.

12 Nanso sɛ ne kunu sane no da a ɔteeɛ no a, ɛnneɛ adeɛ biara a afiri n’anomu a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ; ne kunu asane, na AWURADE de bɛkyɛ no.

13 Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma no nnyina hɔ na ne kunu na ɔnsane;

14 na sɛ daa ne kunu no nnka ho hwee a, ɛnneɛ ɔhyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n’ahotua no nyinaa mu den, ɛfiri sɛ da a ɔteeɛ no, wanka ho hwee;

15 na sɛ ɔteeɛ no akyi ansa na ɔresane a, ɛnneɛ ɔsoa ne yere amumuyɛ.

16 Yeinom ne ahyɛdeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babaa a ɔwɔ ne mmabaaberɛ mu, n’agya fie, ntam.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan