4 Mose 29 - New Revised Asante Twi BibleTotorobɛnto afahyɛ afɔdeɛ 1 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da. 2 Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; 3 ne ɛho aduane afɔdeɛ: Esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, 4 na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho; 5 ne ɔpapo baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ de apata ama mo; 6 ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam. Nnipa asebrɛ da afɔdeɛ 7 Na bosome a ɛtɔ so nson no ara da a ɛtɔ so du no, monhyia nhyia kronkron, na monni mmuada; monnyɛ adwuma biara; 8 na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; 9 ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, 10 abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho; 11 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono bɔne ho afɔdeɛ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Asese afahyɛ afɔdeɛ 12 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE. 13 Na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Anantwinini dummiɛnsa, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 14 ne ɛho aduane afɔdeɛ; esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka anantwinini dummiɛnsa no mu koro biara ho, abupɛn du mu mmienu nka adwennini mmienu no ho, 15 na abupɛn du mu baako nka nnwammaa dunan no mu koro biara ho; 16 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɛho aduane ne ɛho ahwiesa. 17 Na da a ɛtɔ so mmienu no: Anantwinini dummienu, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 18 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 19 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 20 Na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no: Anantwinini dubaako, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 21 ne anantwie, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 22 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 23 Na da a ɛtɔ so nnan no; anantwinini du, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 24 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 25 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 26 Na da a ɛtɔ so nnum no; anantwinini nkron, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 27 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 28 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 29 Na da a ɛtɔ so nsia no; anantwinini nwɔtwe, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 30 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 31 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 32 Na da a ɛtɔ so nson no; anantwinini nson, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; 33 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 34 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 35 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, monhyia afahyɛ nhyiamu; monnyɛ adwumaden biara; 36 na momfa hyeɛ afɔdeɛ a ɛne ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; 37 nantwinini ne odwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; 38 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. 39 Yeinom na monyɛ mma AWURADE, mo afa a mohyɛ no mu; ɛsono mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo aduane afɔdeɛ ne mo ahwiesa ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ. 40 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. |
The Bible Society of Ghana, 2012