4 Mose 28 - New Revised Asante Twi BibleDaa afɔdeɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: M’ayɛyɛdeɛ, m’aduane a wɔde bɔ ogya afɔdeɛ ma no yi ehwa hwanhwam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne berɛ a ɛsɛ mu. 3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE nie: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyeɛ afɔdeɛ daa. 4 Adwammaa baako na fa bɔ anɔpa, na fa adwammaa baako no bɔ anwummerɛ deɛ. 5 Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre. 6 Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ a wɔhyehyɛeɛ wɔ Sinai bepɔ soɔ a ɛyi hwa hwanhwam a ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ. 7 Na n’ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa baako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wɔhwie no ma AWURADE. 8 Na adwammaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ anwummerɛ deɛ, na fa aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa ka ho sɛ anɔpa deɛ no ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Homeda afɔdeɛ 9 Na homeda deɛ, nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre ne ɛho ahwiesa. 10 Homeda biara hyeɛ afɔdeɛ a ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no ho ne no. 11 Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu; 12 na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka nantwinini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho, 13 na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam a wɔhye ma AWURADE ne no. 14 Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa biara ho. Yei ne bosome biara hyeɛ afɔdeɛ, afirinhyia abosome no mu. 15 Na wɔmfa ɔpapo baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma AWURADE nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho ne ɛho ahwiesa ho. Twam afahyɛ afɔdeɛ 16 Na bosome a ɛdi kan da a ɛtɔ so dunan no yɛ AWURADE Twam. 17 Na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wɔnni apiti paanoo. 18 Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; 19 na momfa ogya afɔdeɛ a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wɔdi mu; 20 ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako ho, na abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, 21 na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu biara ho; 22 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako a wɔde bɛpata ama mo; 23 monyɛ yeinom nka anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. 24 Saa ara na nnanson no mu da biara momfa aduane mmɛbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE; wɔnyɛ yei mpae daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no so. 25 Na da a ɛtɔ so nson no, monhyia nhyia kronkron. Monnyɛ adwumaden biara. 26 Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; 27 na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmra na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; 28 ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako biara ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, 29 abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho; 30 ne ɔpapo baako a wɔde bɛpata ama mo; 31 monyɛ yei ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho; monhwɛ sɛ wɔdi mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012