4 Mose 27 - New Revised Asante Twi BibleSelofehad mmammaa kyɛfa ho asɛm 1 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 2 Na wɔbɛgyinaa Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano kaa sɛ: 3 Yɛn agya wuu ɛserɛ so, nso ɔno deɛ, na ɔmfra asafo a wɔhyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ; nso na ɔnni mmammarima. 4 Adɛn nti na yɛn agya din mpepa mfiri n’abusua mu ɛnam sɛ ɔnni babarima nti? Ma yɛn agyapadeɛ yɛn agya ne nuanom mu. 5 Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim. 6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 7 Selofehad mmammaa asɛm no tene, na ma wɔn agyapadeɛ na wɔnni so wɔn agya nuanom mu, na ma wɔn agya agyapadeɛ no nyɛ wɔn dea. 8 Na kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni babarima a, ɛnneɛ momma n’agyapadeɛ nyɛ ne babaa deɛ. 9 Na sɛ ɔnni babaa nso a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nuammarimanom; 10 na sɛ ɔnni nuabarima nso a, momfa n’agyapadeɛ mma n’agya nuanom. 11 Na sɛ n’agya nni nuanom nso a, momfa n’agyapadeɛ mma ne bogya a ɔbɛn no n’abusua mu na ɔnni so. Na yei nyɛ ahyɛdeɛ ne mmara mma Israelfoɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Wɔyi Yosua sɛ Israel kannifoɔ ( Deuteronomium 31.1-8 ) 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔ yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfoɔ no; 13 na sɛ wonya hunu a, wo nso woati wo nananom, sɛdeɛ Aaron tii n’agyanom no, 14 ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden Sin serɛ so, asafo no ham mu a anka ɛsɛ sɛ moyɛ me kronkron, nsuo no ho wɔ wɔn ani soɔ no. (Ɛne ɔham nsuo no wɔ Kades, Sin serɛ so.) 15 Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ: 16 Ma AWURADE, honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so 17 a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. 18 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu ne so. 19 Na fa no gyina Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim; 20 na fa w’animuonyam no bi hyɛ no, na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa ntie no. 21 Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa. 22 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kɔgyinaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim, 23 na ɔde ne nsa guu ne so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012