4 Mose 25 - New Revised Asante Twi BibleIsraelfoɔ adwamammɔ ne abosonsom 1 Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman; 2 na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no; 3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuu Israel; 4 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so. 5 Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no sɛ: Monkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no. 6 Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano. 7 Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas hunuiɛ no, ɔsɔre firii asafo no mu kɔfaa pea kurae, 8 na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so. 9 Na nnipa a wɔwuwuu ɔhaw no mu ano si mpem aduonu nnan. 10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 11 Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu. 12 Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m’asomdwoeɛ apam merema no, 13 na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ. 14 Na Israelni a wɔkum no ne Midianni baa no din ne Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfoɔ mpanimfie mu bapɔmma. 15 Na Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfoɔ mu agya fie so panin no ba. 16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 17 Monteetee Midianfoɔ no na monku wɔn, 18 ɛfiri sɛ, wɔn nso a wɔde wɔn aniteɛ teetee mo, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabaa Kosbi, Midian safohene no babaa a wɔkum no da a Peor ho haw no baeɛ no asɛm no nti. |
The Bible Society of Ghana, 2012