Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 24 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so.

2 Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,

3 na ɔkasae sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya,

4 deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ, na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:

5 Sɛdeɛ wo ntomadan si yɛ fɛ, O Yakob, wo tenabea no, O Israel!

6 Ɛyere sɛ asubɔnka, sɛ asuo ho nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ, te sɛ nsuo ho ntweneduro.

7 Na ne mmokiti mu nsuo bu so, na n’asefoɔ tena nsuo pii mu. Ne hene so sene Agag, na wɔbɛma n’ahennie so.

8 Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo, na wadwerɛ wɔn nnompe, na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.

9 Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.


Balak gya no kwan

10 Ɛnna Balak bo fuu Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M’atamfoɔ nnome nti na mehyiaa woɔ, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mprɛnsa yi.

11 Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.

12 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ w’abɔfoɔ a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ:

13 Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi mentra AWURADE asɛm memfiri m’akomam menkɔyɛ papa anaa bɔne; deɛ AWURADE bɛka no, ɛno na mɛka?

14 Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa menkyerɛ wo deɛ ɔman yi bɛyɛ wo man nna a ɛdi akyire no mu.

15 Na ɔkasaa sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya,

16 deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm a ɔhunu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:

17 Mehu no, nso ɛnyɛ seesei, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bɛpue Yakob mu, na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre, na wadwerɛ Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.

18 Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n’atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenneɛ ara.

19 Na obi a ɔfiri Yakob mu bɛdi tumi, na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kuro no mu no.

20 Afei ɔhwɛɛ Amalek na ɔtoaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n’awieeɛ bɛwie no ɔsɛeɛ mu.

21 Na ɔhwɛɛ Kenifoɔ toaa ne kasa no so kaa sɛ: Wo tenabea si hɔ pintinn, na wode wo pirebuo asie ɔbotan mu;

22 nanso wɔbɛsɛe Kain, de akɔsi sɛ Asur bɛfa wo nnommum.

23 Na ɔwiee ne kasa no so kaa sɛ: Buei, sɛ Onyankopɔn reyɛ yei a, hwan na ɔbɛnya nkwa?

24 Na ahyɛn bɛfiri Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase; na ɔno ara nso, awie no ɔsɛeɛ mu.

25 Ɛnna Bileam sɔreeɛ, na ɔsii mu sane kɔɔ n’atenaeɛ; na Balak nso kɔɔ ne kwan.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan