Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 21 - New Revised Asante Twi Bible


Israelfoɔ sɛe Kanaanfoɔ

1 Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb no tee sɛ Israel aba Atarim kwan soɔ no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum.

2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa.

3 Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfoɔ no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro pasapasa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Horma.


Kɔbere ɔwɔ

4 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so.

5 Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.

6 Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui.

7 Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ nsɛsoɔ, na fa no sɛne frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, ɔbɛnya nkwa.

9 Na Mose yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa dua no so, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no a, na wanya nkwa.


Israelfoɔ toa wɔn akwantuo no so

10 Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Obot.

11 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-haabarim, ɛserɛ a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so.

12 Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Sared subonhwa mu.

13 Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon a ɛsene serɛ soɔ a ɛfiri Amori hyeɛ soɔ no agya, ɛfiri sɛ Arnon ne ɛhyeɛ a ɛda Moab ne Amori ntam.

14 Enti wɔka no AWURADE akodie nwoma no mu sɛ: Wɔnam ahumtuo so ko faa Waheb ne Arnon nsubɔnhwa no,

15 ne deɛ nsubɔnhwa no sene a ɛdane kɔ Ar tenabea na ɛtwere Moab hyeɛ ho no.

16 Ɛhɔ na wɔfiri kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsuo anom, no.

17 Ɛberɛ no mu na Israel too dwom yi sɛ: Asubura, tue! Monnye no so!

18 Asubura a atitire tuiɛ na ɔman mu mmapɔmma funufunuiɛ, wɔde ahempoma ne wɔn mpoma. Na wɔfiri serɛ so kɔɔ Matana;

19 na wɔfiri Matana kɔɔ Nahaliel; na wɔfiri Nahaliel kɔɔ Bamot;

20 na wɔfiri Bamot kɔɔ bonhwa a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ anwea pradada soɔ no mu.


Wɔdi Sihon ne Og so nkonim

21 Na Israel somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:

22 Ma memfa w’asase so; yɛremmane mfuo mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsuo bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnanteɛ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

23 Na Sihon amma Israel antwam n’asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano firi bɛhyiaa Israel, ɛserɛ so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe.

24 Na Israel kumm no nkrantɛ ano faa n’asase firi Arnon kɔɔ Yabok so kɔduruu Amonfoɔ ho, ɛfiri sɛ na Amonfoɔ no hyeɛ so hɔ yɛ den.

25 Na Israel faa nkuro yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifoɔ nkuro no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu;

26 na Hesbon ne Amorifoɔ hene Sihon kuro, ɔno na ɔne kane Moabhene koeɛ, na ɔgyee ne nsam n’asase nyinaa kɔsii Arnon ano.

27 Ɛno nti na mmebufoɔ no ka sɛ: Mommra Hesbon! Momma wɔnkyekye na wɔnsiesie Sihon kuro no.

28 Na ogya bi firii Hesbon, ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu; ɛhyee Moab kuro Ar, Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom.

29 Wo Moab, due! Kemos man, moayera! Wama ne mmammarima adwanedwane, na ne mmammaa adane Amorifoɔ hene Sihon nnommum.

30 Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa de akɔduru Medeba.

31 Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.

32 Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.

33 Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.

34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

35 Na wɔkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anya kwan anwanne, na wɔfaa asase no dii so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan