Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 20 - New Revised Asante Twi Bible


Nsɛm a ɛsisii wɔ Kades

1 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara.

2 Na nsuo nni hɔ mma asafo no, na wɔhyia tiaa Mose ne Aaron.

3 Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkaa sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛberɛ a yɛn nuanom wuwuu AWURADE anim no yɛwuwuu bi.

4 Na adɛn nti na mode AWURADE man aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa?

5 Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?

6 Na Mose ne Aaron firii asafo no anim baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam; na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn.

7 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

8 Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔn anim, na ɛmma ne nsuo, na yi ɔbotan no mu nsuo ma wɔn ma asafo no ne wɔn mmoa nnom.

9 Na Mose faa poma no firii AWURADE anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no;

10 na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie ɛ, mo asoɔdenfoɔ, adɛn ɛsɛ sɛ yɛnya nsuo firi ɔbotan yi mu ma mo anaa?

11 Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firi mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee.

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me annie na moanyɛ me kronkron Israelfoɔ anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnuru asase a mede mama wɔn no so.

13 Yei ne Meriba asuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.


Edomfoɔ si Mose kwan

14 Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,

15 sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;

16 na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu.

17 Ma yɛmfa w’asase so; yɛremfa mfuo ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsuo bi; yɛbɛnante ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremmane nifa anaa benkum de bɛkɔ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

18 Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me mu, na mamfa nkrantɛ mamfiri adi mammɛhyia wo.

19 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Tempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsuo bi a, yɛbɛtua ka; ɛnyɛ asɛm biara, na yɛn nan nko ara na ma yɛmfa ntwam mu nkɔ

20 Na wɔse: Mommɛtwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den firii adi bɛhyiaa wɔn.

21 Na Edom kamee Israel ɔkwan a wɔde bɛtwam n’asase soɔ. Enti Israel mane firii ne ho.

22 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔ ho, Edom asase hyeɛ so, sɛ:

24 Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.

25 Fa Aaron ne ne ba Eleasa, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔ,

26 na yi Aaron ntadeɛ no fa hyɛ ne ba Eleasa, na ɔnwu wɔ hɔ nti ne mpanimfoɔ wɔ asamando.

27 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔ, asafo no nyinaa anim.

28 Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no atifi hɔ. Na Mose ne Eleasa firii bepɔ no so sianee.

29 Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awuo no, Israel fie nyinaa suu no adaduasa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan