4 Mose 19 - New Revised Asante Twi BibleAhodwira nsuo nsiesieeɛ ne ɛho mmara 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo; 3 na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim. 4 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson. 5 Na wɔnhye nantwibereɛ no wɔ n’anim, ne nwoma ne ne nam ne ne mogya ne ne sɛbeɛ no. 6 Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so. 7 Na ɔsɔfoɔ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ɛno akyiri ansa na ɔmmra nsraban no mu; na ɔsɔfoɔ no ho nte kɔsi anwummerɛ. 8 Na deɛ ɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ nsuo mu, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 9 Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. 10 Na deɛ ɔsesaa nantwibereɛ no nso no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma Israel mma ne ɔhɔhoɔ a ɔsoɛ wɔn mu. 11 Deɛ ɔka onipa biara funu no, ne ho nte nnanson; 12 ɔno na ɔmfa yei nnwira ne ho mfiri ne bɔne mu da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ne ho ate; na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no a, ne ho rente. 13 Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho. 14 Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a obi awu ntomadan mu: Sɛ onipa wu ntomadan mu a, obiara a ɔba ntomadan no mu ne adeɛ biara a ɛwɔ ntomadan no mu no ho nte nnanson; 15 adeɛ biara a ano da hɔ na ɛnni mmuasoɔ ne ɛho homa no, ɛho nte. 16 Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson. 17 Na deɛ ne ho nteɛ no, wɔmfa bɔne ho afɔdeɛ a wɔahyeɛ no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasuo ngu so adeɛ bi mu; 18 na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so. 19 Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ. 20 Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte. 21 Na yei nyɛ wɔn daa ahyɛdeɛ. Na deɛ ɔpetee ahodwira nsuo no nsi ne ntadeɛ; na deɛ ɔka ahodwira nsuo no ho nte kɔsi anwummerɛ; 22 na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012