Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 17 - New Revised Asante Twi Bible


Aaron poma fefɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no, na gyegye wɔn hɔ wɔn mpanimfie mu mpoma mmaako mmaako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no, na twerɛtwerɛ wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so.

3 Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.

4 Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no.

5 Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.

6 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa memaa no mpoma mmaako mmaako; mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.

7 Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.

8 Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ adanseɛ ntomadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na aso sorɔno aba abere.

9 Na Mose tasee mpoma no nyinaa de firii AWURADE anim firii adi brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu.

11 Na Mose yɛɛ saa. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛeɛ.

12 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!

13 Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: Yɛn nyinaa nwie sa anaa?

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan