Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 16 - New Revised Asante Twi Bible


Kora, Datan ne Abiram atuateɛ

1 Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi,

2 na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose;

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?

4 Na Mose teeɛ no, ɔde n’anim butuu fam;

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.

6 Yei na monyɛ: Kora ne n’asafo no nyinaa, momfa aduhwam nkukuwa,

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma!

8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, montie me ɛ!

9 Ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ate mo afiri Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?

10 Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodie nso yi?

11 Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?

12 Na Mose soma maa wɔkɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wɔse: Yɛremma!

13 Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi?

14 Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!

15 Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.

16 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w’asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena;

17 na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhwam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.

18 Na wɔn mu obiara faa ne kukuwa, na wɔsosoo gya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so de bɛgyinagyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron.

19 Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.

20 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

21 Montwe mo ho mfiri asafo yi mu, na memmene wɔn amonom.

22 Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?

23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ:

24 Montwe mo ho mfiri Kora, Datan ne Abiram tenabea ho.

25 Na Mose sɔre sii mu kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanimfoɔ dii n’akyi kɔe.

26 Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.

27 Na wɔtwee wɔn ho firii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram firii adi bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano, wɔne wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa.

28 Na Mose kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛɛ yi nyinaa, na ɛmfiri me ara:

29 Sɛdeɛ nnipa nyinaa wuo na yeinom bɛwuwuo na deɛ ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me;

30 na sɛ ade foforɔ na AWURADE bɛbɔ na asase bɛbue n’ano amene wɔn ne deɛ ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asiane akɔ Asamando a, ɛnneɛ monhunu sɛ mmarima yi abu AWURADE animtia.

31 Na ɔwiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee,

32 na asase buee n’ano menee wɔn ne wɔn afie ne nnipa a wɔkaa Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa;

33 na wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa nam anikan siane kɔɔ Asamando, na asase sram wɔn so, na wɔyeraa wɔ ɔman asafo no mu.

34 Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!

35 Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no.

36 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

37 Ka kyerɛ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, na ɔntase nkukuwa no mfiri nhyeeɛ no mu, na dwiri ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron:

38 Nnebɔneyɛfoɔ yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abena atɛtrɛtɛ nkata afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israelfoɔ no.

39 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa faa kɔbere mfrafraeɛ nkukuwa a wɔn a wɔahyeɛ no de baeɛ no, na wɔboro de yɛɛ afɔrebukyia no ho nkataho,

40 sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ nkaeɛ adeɛ, na onipa foforɔ a ɔmfiri Aaron asefoɔ mu no ammɛn ammɛhye aduhwam AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne n’asafo no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

41 Na adeɛ kyeeɛ no, Israel asafo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE nkurɔfoɔ.

42 Na asafo no boaboaa wɔn ano tiaa Mose ne Aaron no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na hwɛ, na mununkum no akata so, na AWURADE animuonyam yii ne ho adi.

43 Na Mose ne Aaron baa ahyiaeɛ ntomadan no anim.

44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45 Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.

46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.

47 Na Aaron faa deɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, na ɔyaredɔm no afiri aseɛ ɔman no mu; na ɔde aduhwam no mae de pata maa ɔman no.

48 Na ɔgyinaa awufoɔ ne anikanfoɔ no ntam, na wɔsii ɔyaredɔm no ano.

49 Na nnipa a wɔwuwuu ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahanson, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuiɛ no.

50 Na ɔyaredɔm no to twaeɛ no, Aaron sane baa Mose nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan