Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 15 - New Revised Asante Twi Bible


Aduane afɔdeɛ ho mmara

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so,

3 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,

4 ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre

5 ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho.

6 Na odwennini deɛ, deɛ fa bɔ aduane afɔdeɛ ne esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako,

7 na fa ahwiesa susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nso bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

8 Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,

9 ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre;

10 na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

11 Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara.

12 Sɛ afɔdeɛ a mobɛbɔ no dodoɔ no teɛ no, saa na monyɛ wɔn mu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.

13 Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

14 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.

15 Ɔman asafo no, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu: Sɛdeɛ moteɛ no, saa nso na ɔhɔhoɔ nyɛ AWURADE anim.

16 Mmara korɔ ne atemmudeɛ korɔ na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu nyinaa.

17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

18 Ka kyerɛ Israelfoɔ no: Sɛ moduru asase a mede mo merekɔ soɔ no so,

19 na ɛba sɛ modi asase no so aduane no bi a, momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE,

20 momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;

21 momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ mmasoɔ adeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

22 Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so,

23 deɛ AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, firi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekɔduru mo awoɔ ntoatoasoɔ so no,

24 na sɛ wɔfom anifasoɔ mu a ɔman no nnim a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, ne ɔpapo baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

25 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israelfoɔ asafo no nyinaa, na wɔde bɛkyɛ wɔn; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɛfom; na wɔn deɛ, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ, AWURADE anim;

26 na wɔde bɛkyɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no, ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn ɛfom no mu.

27 Na sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa abirekyibereɛ a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,

28 na ɔsɔfoɔ no mpata, AWURADE anim, mma ɔkra a ɔfom anifasoɔ mu no, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.

29 Mmara korɔ na ɛnna hɔ mma mo mma deɛ ɔyɛ biribi anifasoɔ mu; deɛ ɔyɛ Israelfoɔ mu kuromani, ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu.

30 Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,

31 ɛfiri sɛ wabu AWURADE asɛm animtia na wabu ne mmara asɛm so: Twa na wɔbɛtwa saa onipa no atwene, n’amumuyɛ da ne so.


Wɔsi homedasɛefoɔ aboɔ

32 Na Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ soɔ no, wɔkɔhunuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda;

33 na nnipa a wɔhunuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa;

34 na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no.

35 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kum na wɔnkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi.

36 Ɛnna asafo no nyinaa de no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ maa no wuiɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Ntoma ano nnwo ho mmara

37 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

38 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntoma ano nnwo wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na wɔmfa bibire homa nsosɔ ntoma ano nnwo no mu;

39 na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.

40 Deɛ ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.

41 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan