4 Mose 14 - New Revised Asante Twi BibleƆman no nwiinwii 1 Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no. 2 Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu. 3 Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio? 4 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsi otitire na yɛnsane nkɔ Misraim. 5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim. 6 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, 7 na wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asase a yɛtwaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase pa ara. 8 Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. 9 AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn. 10 Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa. 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi? 12 Mede owuyadeɛ mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn. 13 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɛno deɛ, Misraimfoɔ bɛte, ɛfiri sɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afiri wɔn mu; 14 na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofoɔ. Wɔate sɛ wo, AWURADE, wowɔ ɔman yi mu a woma wɔhu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wodi wɔn anim mununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo; 15 na sɛ wokum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ: 16 Ɛnam sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no soɔ nti, na waku wɔn ɛserɛ soɔ. 17 Enti, mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛseɛ, sɛdeɛ wokaa sɛ: 18 AWURADE yɛ abufuo mu nyaa na n’adɔeɛ so. Ɔde amumuyɛ ne mmrato kyɛ, na bem na ɔmmu deɛ ɔdi fɔ; na ɔtua nananom amumuyɛ so ka de fa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so. 19 Fa ɔman yi amumuyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛdeɛ w’adom kɛseɛ no teɛ ne sɛdeɛ wode akyɛ ɔman yi firi Misraim abɛduru ha yi no. 20 Na AWURADE kaa sɛ: Mede akyɛ wɔn sɛdeɛ w’asɛm seɛ no, 21 nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi, 22 mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa, 23 ampa ara, wɔrenhunu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no, na wɔn a wɔate me atua no mu biara renhunu. 24 Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so. 25 Na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ no te bonhwa no mu, ɔkyena monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so. Anwiinwiifoɔ no asotwe 26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27 Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate. 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara sɛ mete aseɛ yi, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ moakasa agu m’aso mu no, saa ara na mɛyɛ mo: 29 Ɛserɛ yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛdeɛ mo nyinaa ano sie firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ, mo a monwiinwii tiaa me no, 30 morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua. 31 Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn bɛkɔ soɔ, na wɔahunu asase a moto ho pe no. 32 Na mo deɛ, mo afunu bɛdeda ɛserɛ yi so, 33 na mo mma ayɛ mmoahwɛfoɔ, ɛserɛ so, mfirinhyia aduanan, na wɔasoa mo adwamammɔ akɔsi sɛ mo afunu bɛwie sa ɛserɛ soɔ. 34 Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no. 35 Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, yei na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔayɛ dɔm atia me yi nyinaa. Ɛserɛ yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ. 36 Na mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no a wɔsane baeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no, 37 mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no wuwuu atɔfoɔ wuo AWURADE anim, 38 gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko. Wɔn a wɔantie Nyankopɔn asɛm no asotwe 39 Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa; na ɔman no dii abooboo pii. 40 Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne. 41 Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie. 42 Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfoɔ anim; 43 na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi. 44 Na wɔtintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔ no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfiri nsraban no mu. 45 Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma. |
The Bible Society of Ghana, 2012