4 Mose 13 - New Revised Asante Twi BibleAkwansrafoɔ no 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi. 3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire. 4 Na wɔn din nie: Ruben abusuakuo deɛ ne Sakur ba Samua; 5 Simeon abusuakuo deɛ, Hori ba Safat; 6 Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb; 7 Isakar abusuakuo deɛ, Yosef ba Igal; 8 Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea; 9 Benyamin abusuakuo deɛ, Rafu ba Palti; 10 Sebulon abusuakuo deɛ, Sodi ba Gadiel; 11 Yosef abusuakuo, mekyerɛ Manase abusuakuo, Susi ba Gadi; 12 Dan abusuakuo deɛ, Gemali ba Amiel; 13 Aser abusuakuo deɛ, Mikael ba Setur; 14 Naftali abusuakuo deɛ, Wofsi ba Nahibi; 15 Gad abusuakuo deɛ, Maki ba Geuel; 16 yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua. 17 Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa Negeb ha yi na monkɔforo mmepɔ no. 18 Na monkɔhwɛ asase no sɛdeɛ ɛteɛ ne aman a wɔtete soɔ no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔgo, wɔsua anaasɛ wɔdɔɔso, 19 ne sɛdeɛ asase a wɔtete soɔ no teɛ, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne ne sɛdeɛ nkuro a wɔtete mu no teteɛ, sɛ nsraban mu anaa aban mu, 20 ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ. 21 Na wɔsii mu kɔ kɔsraa asase no firi Sin serɛ so kɔsii Rehob, deɛ wɔnam kɔ Hamat no. 22 Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.) 23 Na wɔduruu Eskol bonhwa mu, na wɔtwaa obobe mman ne bobe esia baako wɔ soɔ wɔ hɔ; na nnipa baanu wuraa no dua, ne atoaa aba bi ne borɔdɔma. 24 Ɛsiane sɛ Israelfoɔ no twaa bobe aba esia wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol. 25 Na adaduanan duruiɛ no, wɔsane firi asase no so nsra bae. 26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn. 27 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie. 28 Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ. 29 Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho. 30 Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn. 31 Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn. 32 Na wɔmaa asase a wɔkɔsraeɛ no ho atenka bɔne trɛɛ Israelfoɔ no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase a ɛdi ɛsotefoɔ, na nkurɔfoɔ a yɛhunuu wɔn wɔ soɔ no nyinaa yɛ abrane ara nko; 33 na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012