Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 12 - New Revised Asante Twi Bible


Miriam ne Aaron kasa tia Mose

1 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi.

2 Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.

3 Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.

4 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa momfiri adi mmra ahyiaeɛ ntomadan no ho.

5 Na wɔn baasa no firii adi. Na AWURADE sianee mununkum dum mu bɛgyinaa ntomadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu firii adi.

6 Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:

7 Na ɛnte sɛ m’akoa Mose; ɔno na mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.

8 Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?

9 Na AWURADE bo fuu wɔn, na ɔsii mu kɔe.

10 Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.

11 Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo kyɛw nie, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.

12 Mma no nnyɛ sɛ efunu a ɔfiri ne na yam baeɛ na ne honam fa asɛe dada.

13 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.

15 Na wɔtoo Miriam mu nsraban no akyi nnanson. Na ɔman no antu kɔsii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.

16 Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan