Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 10 - New Revised Asante Twi Bible


Dwetɛ ntotorobɛnto no

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.

3 Na sɛ wɔhyɛne ne mmienu nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.

4 Na sɛ wɔhyɛne baako a, mmapɔmma a wɔdi Israel apem apem so atitire no mmɛhyia wo nkyɛn.

5 Na sɛ mohyɛne osebɔ nnyegyeeɛ a, nsraban a ɛdeda anim fam no ntu;

6 na sɛ mohyɛne osebɔ tɔ so mmienu a, nsraban a ɛdeda anafoɔ fam no ntu: Wɔrebɛtuo no, osebɔ na wɔnhyɛne.

7 Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ dwa a, monhyɛne, na nnyɛ osebɔ nnyegyeeɛ.

8 Na Aaron mma asɔfoɔ no na wɔnhyɛne ntotorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

9 Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiahiafoɔ a wɔhiahia mo ho akɔko a, ɛnneɛ momfa ntotorobɛnto nhyɛne osebɔ nnyegyeeɛ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wɔnnye mo nkwa mo atamfoɔ no nsam.

10 Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Israelfoɔ firi Sinai kɔ Paran

11 Na afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu no, mununkum no maa ne ho so firii adanseɛ tenabea no so.

12 Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.

13 Na yei ne deɛ ɛdi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose soɔ no so tuiɛ.

14 Na Yuda mma nsraban frankaa no tuu kane, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahason die;

15 na Isakar mma abusuakuo dɔm no so na Suar ba Natanel die;

16 na Sebulon mma abusuakuo dɔm no so na Helon ba Eliab die.

17 Ɛnna wɔhwinhwan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui.

18 Na Ruben mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur die;

19 na Simeon mma abusuakuo dɔm no so na Surisadai ba Selumiel die;

20 na Gad mma abusuakuo dɔm no so na Deuel ba Eliasaf die.

21 Ɛnna Kohatfoɔ no soasoaa akronkronneɛ no tuiɛ; na wɔsii tenabea no de kɔsii sɛ wɔbaeɛ.

22 Na Efraim mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama die;

23 na Manase mma abusuakuo dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel die;

24 na Benyamin mma abusuakuo dɔm no so na Gideoni ba Abidan die.

25 Ɛnna Dan mma nsraban frankaa no tu bɔɔ nsraban no nyinaa kyidɔm sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser die;

26 na Aser mma abusuakuo dɔm no so na Okran ba Pagiel die;

27 na Naftali mma abusuakuo dɔm no so na Enan ba Ahira die.

28 Yei ne Israelfoɔ tuo a wɔtuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ no.

29 Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.

30 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom me ara m’asase so ne m’abusua mu na mɛkorɔ.

31 Na ɔse: Yei deɛ, nnya yɛn hɔ, na wo na wonim deɛ yɛbɛkyere nsraban ɛserɛ no soɔ nti, yɛ yɛn aniwa;

32 na sɛ wo ne yɛn nante a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bi bɛyɛ wo.

33 Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;

34 na wɔtu firi nsraban no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia.

35 Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim.

36 Na sɛ ɛsoɛ a, ɔka sɛ: AWURADE, sane bra Israel mpempem no nkyɛn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan