3 Mose 27 - New Revised Asante Twi BibleBɔhyɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titire bi a, nnipa deɛ, wɔnyɛ AWURADE deɛ, sɛdeɛ wobɛbɔ wɔn boɔ. 3 Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no. 4 Na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wo boɔ nnyina nnwetɛbena aduasa; 5 na sɛ wadi mfeɛ nnum de kɔsi mfeɛ aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du. 6 Na sɛ wadi bosome baako de kɔsi mfeɛ nnum a, wo boɔ a wode bɛbɔ ɔbarima nyɛ nnwetɛbena nnum, na ɔbaa deɛ, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena mmiɛnsa. 7 Na sɛ wadi mfeɛ aduosia anaasɛ deɛ ɛboro saa na ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena dunum, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du. 8 Na sɛ ohia aka no a enti ɔntumi mma wo boɔ a wobɔeɛ no a, wɔmfa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ; sɛdeɛ deɛ wahyɛ bɔ no nsa bɛso soɔ, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ. 9 Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔde bi brɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ no bi a, adeɛ a wɔde bi brɛ AWURADE nyinaa yɛ kronkron. 10 Wɔnnsakyera, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ sesa na wɔde aboa sesa aboa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde sesaeɛ no nyinaa nyɛ kronkron. 11 Na sɛ ɛyɛ aboa biara a ne ho nteɛ a wɔmfa no mmrɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ a, wɔmmfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ anim, 12 na sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ wo, sɔfoɔ no, bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina. 13 Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔgyeɛ a, ɛnneɛ ɔmfa wo boɔ no abupɛn nnum mu baako nka ho. 14 Na sɛ obi yɛ ne fie kronkron sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE a, sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina. 15 Na sɛ deɛ ɔyɛɛ no kronkron no bɛgye ne fie no a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛnyɛ ne deɛ. 16 Na sɛ obi yɛ n’asase a ɔdi soɔ kronkron ma AWURADE a, wo boɔ bɔ nyɛ sɛdeɛ n’aduadeɛ teɛ; bɔ atokoɔ a wɔdua homer baako boɔ nnwetɛbena aduonum. 17 Sɛ ɔfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe so yɛ n’asase no kronkron a, ɛnnyina wo boɔ no so; 18 na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so. 19 Na sɛ gyeɛ na deɛ ɔyɛɛ asase no kronkron no bɛgyeɛ a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛntena ne nsam; 20 na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wɔnnnye bio, 21 na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfoɔ no agyapadeɛ. 22 Na sɛ ɔyɛ asase a ɔtɔeɛ a ɛnyɛ n’asase a ɔdi soɔ bi kronkron ma AWURADE a, 23 ɔsɔfoɔ no mmu akonta mma no nkyerɛ no wo boɔ no mu deɛ ɛbɛka akɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no soɔ, na ɔmma wo boɔ a wobɔeɛ no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. 24 Ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, asase no nsane nkɔyɛ deɛ ɔtɔɔ no ne nkyɛn a ɛyɛ n’asase a ɔdi soɔ no dea. 25 Na wo boɔ a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ; gera aduonu yɛ dwetɛbena baako. 26 Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea. 27 Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔn ho nteɛ no bi a, ɛnneɛ ɔnnye no wo boɔ a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnneɛ wɔntɔn no sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ. 28 Nso ahyiradeɛ biara a obi bɛhyira so ama AWURADE, adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n’asase a ɔdi so oo, ɛno deɛ wɔnntɔn, na wɔnnnye nso; ahyiradeɛ biara yɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE. 29 Obiara a wɔabu no kumfɔ no, wɔnnnye; kum na wɔnku no. 30 Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. 31 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ne ntotosoɔ du du no bi a, ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so. 32 Na anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du nyinaa, adeɛ a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase nyinaa mu deɛ ɛtɔ so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. 33 Wɔmmpa papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wɔnnnye. 34 Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no. |
The Bible Society of Ghana, 2012