3 Mose 25 - New Revised Asante Twi BibleAhomegyeɛ afe 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai bepɔ so sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so a, asase no nhome nni home afe mma AWURADE. 3 Mfeɛ nsia na dua w’afuo mu adeɛ, na mfeɛ nsia no pempane wo bobe turo mu nnua ho na boa emu nnɔbaeɛ ano; 4 na afe a ɛtɔ so nson no nyɛ ahomegyeɛ home mma asase no, ɛnyɛ home mma AWURADE: Nnua w’afuo mu adeɛ, na mpempane wo bobe turo mu nnua ho. 5 Wo ntwakaeɛ a ɛfifire no, ntwa, na wo bobehoma a woampempane no so esa esa no, ntete, ɛnyɛ ahomegyeɛ afe mma asase no. 6 Na asase no home mu adeɛ nyɛ mo deɛ, na monni, wo ne w’akoa ne w’afenaa ne wo paani ne wo hɔhoɔ a wɔabɛtena wo nkyɛn, 7 ne w’afieboa ne mmoa a wɔwɔ w’asase no soɔ, na ɛso nnɔbaeɛ no nyinaa nyɛ wɔn aduane. 8 Na kan home mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, fa, na home mfeɛ nson no mu nna nyɛ aduanan nkron. 9 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, ma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwa mu; mpata da no mu na momma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwam mo asase nyinaa soɔ. 10 Na monyɛ afe a ɛtɔ so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadie, asase no so, mma ɛsotefoɔ nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛ afahyɛ na mo mu biara nsane nkɔ mo agyapadeɛ mu, na obiara nsane nkɔ n’abusua mu. 11 Ahosɛpɛ afahyɛ na saa afe a ɛtɔ so aduonum no nyɛ mma mo: Monnnua adeɛ na monntwa ne ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na monntete mo bobe homa a wɔampempane ho no so aba. 12 Na ɛyɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe, ɛnyɛ kronkron mma mo. Monni mfuo mu nnɔbaeɛ a ɛba afe no mu no. 13 Ahosɛpɛ afahyɛ afe yi mu no, mo mu biara nsane nkɔ mo agyapadeɛ mu. 14 Na sɛ wotɔn biribi ma wo yɔnko anaasɛ wotɔ wo yɔnko nsam biribi a, mo mu bi nnni ne nua amim. 15 Sɛdeɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyiri mfirinhyia ano teɛ na tɔ wo yɔnko nkyɛn adeɛ, sɛdeɛ nnɔbaeɛ mfirinhyia ano teɛ na ɔntɔn mma woɔ. 16 Mfeɛ no dɔɔso a, to ne boɔ so, na mfeɛ no sua a, te ne boɔ so, ɛfiri sɛ afe afe nnɔbaeɛ na ɔtɔn ma woɔ. 17 Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn: Na mene AWURADE mo Nyankopɔn. 18 Na monyɛ m’ahyɛdeɛ na monni m’atemmudeɛ so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo. 19 Na asase no bɛba n’aduane na moadi amee, na moatena so dwoodwoo. 20 Na sɛ moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdi afe a ɛtɔ so nson no mu? Hwɛ, yɛnnua na yɛntwa yɛn nnɔbaeɛ a, 21 ɛnneɛ, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛtɔ so nsia no mu, na aba mfeɛ mmiɛnsa aduane; 22 na modua aduane afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu a, mobɛdi nnɔbaeɛ dada no akɔsi afe a ɛtɔ so nkron no mu. Mobɛdi aduane dada no akɔsi sɛ ne nnɔbaeɛ bɛba. 23 Na wɔnntɔn asase no korakora, ɛfiri sɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔhoɔ ne atubrafoɔ. 24 Na asase a modi soɔ nyinaa, momma asase no gyeɛ ho kwan. 25 Sɛ ɛhia wo nua na ɔtɔn n’adeɛ bi a, ɛnneɛ ne gyefoɔ a ɔyɛ obusuani a ɔbɛn no mmra mmɛgye deɛ ne nua tɔneeɛ no. 26 Na sɛ obi nni gyefoɔ na ne nsa aso na wanya deɛ ɛso gyeɛ a, 27 ɛnneɛ, ɔmmu mfeɛ a ɔtɔneeɛ no ano na ɔnhyɛ deɛ ɛboro soɔ no ananmu mma deɛ ɔtɔn maa no no, na ɔnsane mmra n’adeɛ ho. 28 Na sɛ ne nsa anso deɛ ɛso ananmuhyɛ no so a, ɛnneɛ, adeɛ a ɔtɔneeɛ no ntena deɛ ɔtɔeɛ no nsam nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no, na ɛfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu no, ɔnsane mmra n’adeɛ ho. 29 Na sɛ obi tɔn efie a wɔtena mu wɔ kuro a ɔfasuo wɔ ho mu a, wɔmma ne gyeɛ ho kwan nkɔsi sɛ ne tɔn afe no duru soɔ; nna yi na ɔwɔ ne gyeɛ ho kwan. 30 Na sɛ wannye ma afe mu wie duru a, ɛnneɛ, efie a ɛwɔ kuro a ɔfasuo wɔ ho mu no nyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora, n’awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; ɔdenadeɛ no ntumi mmɛgye bio ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu. 31 Na adan a ɛwowɔ nkuraa a ɔfasuo nni ho aseɛ no deɛ, wɔmmu nka asase no so mfuo ho: Wɔmma ne gyeɛ ho kwan; na wɔmmɛgye no ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu. 32 Na Lewifoɔ nkuro a ɛyɛ nkuro a wɔdi soɔ no mu afie deɛ, Lewifoɔ wɔ ne gyeɛ ho kwan daa. 33 Na sɛ Lewifoɔ mu bi annye ne fie a wɔatɔn a ɛwɔ kuro a ɔdi soɔ mu a, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu no, ɔmfa n’adeɛ, ɛfiri sɛ Lewifoɔ nkuro mu afie ne wɔn adeɛ a wɔdi soɔ Israelfoɔ mu. 34 Na wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase deɛ, wɔnntɔn, na ɛyɛ wɔn adeɛ a wɔdi so daa. 35 Na sɛ ɛhia wo nua na ɔpa aba a, sɔ ne mu na ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔhoɔ ne otudanfoɔ. 36 Nnye ne hɔ mfɛntomu, na nhuri ne ka a ɔde woɔ no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa. 37 Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntomu, na nhuri w’aduane a woma no no: 38 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mede Kanaan asase merema mo na mayɛ mo Nyankopɔn. 39 Na sɛ ɛhia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya, 40 na mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani ne otudanfoɔ; ɔnsom wo nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so. 41 Ɛno na ɔmfiri wo nkyɛn, ɔno ne ne mma nyinaa, na ɔnsane nkɔ n’abusua mu ne n’agyanom adeɛ a wɔdi soɔ no ho. 42 Na wɔyɛ me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔnntɔn wɔn nkoatɔn. 43 Mfa nyadie nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn. 44 Na w’akoa ne w’afenaa a wobɛnya no, amanaman a wɔgugu mo ho no, wɔn mu na tɔ akoa ne afenaa. 45 Na ahɔhoɔ a wɔatu abɛtena mo nkyɛn no mma no nso, montɔ wɔn mu bi ne wɔn abusuafoɔ a wɔne mo teɛ a wɔawo wɔn mo asase soɔ no bi, na wɔnyɛ mo agyapadeɛ, 46 na moagya wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyadeɛ ne adeɛ a wɔdi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfoɔ deɛ, obiara mmfa nyadie nnhyɛ ne nua so. 47 Na sɛ wo nkyɛn hɔhoɔ anaa otubrafoɔ bi nsam wɔ biribi, na ɛhia wo nua a ɔne no wɔ hɔ, na wɔtɔn no ma ɔhɔhoɔ a watu abɛtena wo nkyɛn anaa ɔhɔhoɔ no abusua mu nipa bi a, 48 ɛnneɛ, ne tɔn akyiri no, wɔmma ne gyeɛ ho kwan; ne nuanom mu baako nnye no, 49 anaasɛ n’agya nua anaa n’agya nua ba nnye no, anaasɛ n’abusua mu bogya bi nnye no, anaasɛ ne nsam wɔ biribi a, ɔnnye ne ho. 50 Na ɔne deɛ ɔtɔɔ no no mmu nkonta mfiri afe a wɔtɔn no maa no no so nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, na ne tiriadeɛ nyɛ sɛdeɛ mfeɛ no dodoɔ teɛ, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna. 51 Sɛ mfeɛ no da so dɔɔso a, ne tiri sika no mu gyeɛ adeɛ a ɔbɛdane ama no no nnɔɔso saa ara; 52 na sɛ aka mfeɛ kakraa bi na aduru ahosɛpɛ afahyɛ afe no so a, ɔmmu mma no: Ne mfeɛ no ano pɛ na ɔnnane ne gyeɛ adeɛ mma no: 53 Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani deɛ afe afe: Ɔmmfa nyadie nnhyɛ no so wɔ w’anim. 54 Na sɛ wɔamfa yeinom so annye no a, ɛnneɛ, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkɔdi, ɔno ne ne mma nyinaa. 55 Na me na Israelfoɔ yɛ me nkoa. Me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012