3 Mose 24 - New Revised Asante Twi BibleNkanea no ngo 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa; 3 adanseɛ ntwamutam no akyi, ahyiaeɛ ntomadan no mu na Aaron nsiesie mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. 4 Sika amapa kaneadua a ɛho teɛ no so na ɔnsiesie nkanea no, AWURADE anim daa. Kyerɛ paanoo 5 Na fa esiam to taterɛ dummienu; olonka abupɛn du mu mmienu nyɛ taterɛ baako. 6 Na fa sesɛ so akyerɛpɛn mmienu, nsia nyɛ kyerɛpɛn baako, ɛpono a ɛho teɛ no so, AWURADE anim. 7 Na fa ohwamfufuo korɔgyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ paanoo no so nkaeɛ adeɛ, ogya afɔdeɛ a wɔsɔ ma AWURADE. 8 Daa homeda na ɔnsiesie wɔ AWURADE anim daa, ɛyɛ Israelfoɔ fam daa apam; 9 na ɛnyɛ Aaron ne ne mma deɛ, na wɔnni wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa. Mmusuo ho asotwe 10 Na Israelni baa bi ba a n’agya yɛ Misraimni firii adi Israelfoɔ no mu, na Israelni baa no ba no ne Israelni bi hamee nsraban no mu. 11 Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu; 12 na wɔbɔɔ no dua mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛnya AWURADE anomu asɛm aka akyerɛ wɔn. 13 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 14 Fa deɛ wadome no firi adi kɔ nsraban no akyi, na wɔn a wɔteeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n’atifi, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ. 15 Na kasa kyerɛ Israelfoɔ nso sɛ: Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne. 16 Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no. 17 Na sɛ obi kum onipa biara a, kum na wɔnku no. 18 Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu. 19 Na deɛ ɔpira ne yɔnko nipa no, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no, wɔnyɛ no saa ara: 20 Ebuo nsi ebuo ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛdeɛ ɔpiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no. 21 Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, na deɛ ɔkum onipa no, wɔnku no. 22 Atemmuo koro nna hɔ mma mo, ɔhɔhoɔ nyɛ sɛ okuromani. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn. 23 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ, na wɔde deɛ ɔdomeeɛ no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ. Na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. |
The Bible Society of Ghana, 2012