3 Mose 21 - New Revised Asante Twi BibleAsɔfoɔ ho ahyɛdeɛ 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi efunu bi ho ne man mu, 2 gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n’agya ne ne babanin ne ne babaa ne ne nuabarima, 3 ne ne nuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔbɛn no a ɔnnya nnyaa kunu, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum. 4 Ɔyɛ ne nkurɔfoɔ mu nipa titire nti, ɔnngu ne ho fi, nanso ɔnnhura ne ho. 5 Wɔnnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bɔgyesɛ ano, na wɔmmmotabota wɔn honam mu. 6 Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron. 7 Wɔnnware ɔbaa dwamamfoɔ bi anaa deɛ ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbaa a ne kunu ako no, ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. 8 Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no. 9 Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no. 10 Na ne nuanom mu sɔfo panin a wɔahwie sra ngo agu n’atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntadeɛ no, ɔmmpɛsɛ ne ti na ɔnnsunsuane ne ntadeɛ mu, 11 na ɔnnkɔ efunu biara ho, n’agya ne ne na ho mpo ɔmmma ne ho nnkum. 12 Na ɔmmfiri kronkronbea hɔ, na ɔnnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi: Mene AWURADE. 13 Na ɔno deɛ, ɔbaabunu na ɔnwareɛ; 14 okunafoɔ ne deɛ wɔako no ne deɛ ne ho ahura ne odwamamfoɔ deɛ, ɔnnware yeinom mu biara, na mmom ne man mu baabunu na ɔnwareɛ. 15 Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron. 16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 17 Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W’asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu barima a ɔdi dɛm biara mmma mmmɛfa ne Nyankopɔn aduane no mmma; 18 na obiara a ɔdi dɛm no mmmɛn, onifirani oo, apakye oo, hwento oo, deɛ ne honam biribi boro so oo, 19 deɛ ne nan anaa ne nsa abu oo, 20 afu oo, epira oo, deɛ ɛtɛ si n’ani soɔ oo, deɛ ɔyare ntwom oo, ogyatɔni oo, deɛ ne hwewa nnwoa abobɔ oo, 21 Ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ mu biara a ɔdi dɛm no nntwe mmpini mmmɛfa AWURADE gya afɔdeɛ no mma; ɛdɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduane no nntwe mmpini. 22 Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi. 23 Ntwamutam no ho nko na ɔmmma, na afɔrebukyia no ho na ɔnntwe mmpini, ɛfiri sɛ ɛdɛm wɔ ne ho: Na wanhura m’akronkronneɛ no ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron. 24 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa. |
The Bible Society of Ghana, 2012