Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 20 - New Revised Asante Twi Bible


Asoɔden ho asotwe

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Obiara a ɔfiri Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel mu no mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, kum na wɔnku no; asase no sofoɔ nsi no aboɔ.

3 Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.

4 Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofoɔ no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔanku no a,

5 me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.

6 Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.

7 Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9 Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.

10 Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe awadeɛ no, kum na wɔnkum ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no.

11 Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.

12 Na ɔbarima a ɔne n’ase a ɔyɛ ne ba yere da no, kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya gu wɔn atifi.

13 Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

14 Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusudeɛ. Wɔmfa ogya nhye ɔno ne wɔn nyinaa, na abusudeɛ antena mo mu.

15 Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, kum na wɔnku no, na aboa no nso monku no.

16 Na ɔbaa a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbaa no ne aboa no; kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

17 Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo.

18 Na ɔbarima a ɔne ɔbaa a wabu ne nsa da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu.

19 Na nyi wo na nuabaa anaa w’agya nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ wayi ne bogya adagya so; wɔnsoa wɔn mmusuo.

20 Na ɔbarima a ɔne n’agya nua yere da, wayi n’agya nua adagya so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu.

21 Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ; wayi ne nua adagya so, wɔrennya ɔba.

22 Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu.

23 Na mommfa aman a merebɛtu wɔn mo anim ho ahyɛdeɛ so; na wɔayɛ yeinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwunu;

24 na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.

25 Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi.

26 Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ.

27 Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan