Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 18 - New Revised Asante Twi Bible


Nna mu akyiwadeɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

3 Misraim asase a motenaa soɔ no so nneyɛɛ deɛ, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo rekɔ soɔ no so nneyɛɛ nso, monnyɛ, na monnni wɔn ahyɛdeɛ so.

4 M’atemmudeɛ na monyɛ, na monkora m’ahyɛdeɛ sɛ mobɛdi soɔ.

5 Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE.

6 Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkɔyi n’adagya so. Mene AWURADE.

7 Nyi w’agya anaa wo na adagya so; wo na ne no, nyi n’adagya so.

8 Nyi w’agya yere adagya so; w’agya adagya ne no.

9 Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so.

10 Wo babanin babaa anaa wo babaa babaa, nyi wɔn adagya so, ɛfiri sɛ ɛyɛ w’adagya.

11 W’agya yere babaa a w’agya awo no no, ɔyɛ wo nuabaa, nyi n’adagya so.

12 Nyi w’agya nuabaa adagya so; ɔyɛ w’agya honam.

13 Nyi wo na nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo na honam.

14 Nyi w’agya nuabarima adagya so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no.

15 Nyi w’ase adagya so; wo babarima yere ne no, nyi n’adagya so.

16 Nyi wo nua yere adagya so; ɛyɛ wo nua adagya.

17 Nyi ɔbaa bi ne ne ba adagya so; mfa ne babanin babaa anaa ne babaa babaa nyi wɔn adagya so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusudeɛ.

18 Na mfa ɔbaa ne ne nua nware sɛ wobɛma wɔatwe kora, sɛ ɔda so te aseɛ no, wobɛyi n’adagya so aka ne ho.

19 Na nkɔ ɔbaa a ne nsabuo mu ne ho nteeɛ no ho nkɔyi n’adagya so.

20 Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsuo mma no mfa ngu wo ne no ho fi.

21 Na mfa w’asefoɔ mu bi mmɔ afɔdeɛ mmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE.

22 Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ.

23 Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbaa bi nnnyina aboa bi anim nnnane ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.

24 Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,

25 na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumuyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefoɔ no agu.

26 Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so, na monnyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo,

27 ɛfiri sɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa na asase no sofoɔ a wɔdi mo anim no ayɛ, na asase no so agu fi.

28 Na asase no amfe mo angu sɛ moagu ho fi, sɛdeɛ ɛfee amanaman a wɔdii mo anim no guiɛ no.

29 Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa wɔn a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene.

30 Enti monhwɛ m’ahwɛdeɛ, na moanyɛ ahyɛdeɛ a wɔkyire a wɔdii mo anim yɛeɛ no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan