3 Mose 16 - New Revised Asante Twi BibleMpata Da 1 Na Aaron mma baanu no wuo a wɔbaa AWURADE anim na wɔwuiɛ no akyiri no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, 2 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔnnhyɛne kronkronbea hɔ nnkɔ ntwamutam no akyi mpata adwa a ɛwɔ adaka no soɔ no anim berɛ nyinaa mu, na wanwu, ɛfiri sɛ mununkum no mu na meyi me ho mekyerɛ, mpata adwa no so. 3 Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 4 Ɔnhyɛ nwera atadeɛ kronkron no, na nwera twakoto nkata ne ho, na nwera aboomu no mmɔ n’asene, na ɔmmɔ nwera abotitene no, yei ne ntade kronkron no; ɔmfa nsuo nnware ne ho ansa na wahyɛ. 5 Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 6 Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie. 7 Na ɔmfa mpapo mmienu no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. 8 Na Aaron ntwe mpapo mmienu no so tonto, AWURADE tonto baako ne Asasel tonto baako. 9 Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE tonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. 10 Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel. 11 Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no. 12 Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi. 13 Na ɔmfa aduhwam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhwam no wisie nkata mpata adwa a ɛwɔ Adanseɛ no soɔ no ho, na wanwu. 14 Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson. 15 Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim, 16 na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfoɔ no afideɛ, ne wɔn mmara a wɔto, wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiaeɛ ntomadan a ɛsi wɔn mu ɛsiane wɔn afideɛ no nti. 17 Na onipa biara nntena ahyiaeɛ ntomadan no mu, berɛ a ɔhyɛne hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie a wapata ama ɔno ara ne ne fie ne Israelfoɔ asafo nyinaa. 18 Na ɔmfiri adi mmra afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔrebukyia no mmɛn ho nhyia, 19 na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu. 20 Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra. 21 Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so, 22 na ɔpapo no nsoa wɔn mfomsoɔ nyinaa mfa nkɔ asase fo so. 23 Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ. 24 Na ɔmfa nsuo nnware ne ho deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntadeɛ na ɔmfiri adi nkɔbɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma ɔno ara ne ho ne ɔman no. 25 Na ɔnhye bɔne ho afɔdeɛ sradeɛ no afɔrebukyia no so. 26 Na deɛ ɔde ɔpapo no kɔ kɔgyaa no maa Asasel no nsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsraban no mu. 27 Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan. 28 Na deɛ ɔkɔ kɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na waba nsraban no mu. 29 Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, mommrɛ mo ho ase, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara. 30 Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim. 31 Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ. 32 Na mpata no, ɔsɔfoɔ a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnni sɔfoɔ nsi n’agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntadeɛ no, ntade kronkron no, 33 na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa. 34 Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ na wɔde apata ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu prɛko daa afirinhyia. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. |
The Bible Society of Ghana, 2012