Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Mose 15 - New Revised Asante Twi Bible


Mmarima ahosene fi

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ no nse wɔn sɛ: Ɔbarima biara sɛ ne ho sene gu a, n’ahosene no nti ne ho nte.

3 Na deɛ ɛgu ne ho fi n’ahosene no mu nie: Sɛ n’ahosene firi ne honam anaasɛ n’ahosene ma ne honam ano si a, ɛyɛ ne ho figuo.

4 Mpa biara a deɛ ne ho sene no bɛda so no ho nte, na adeɛ biara a ɔbɛtena soɔ no ho nte.

5 Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

6 na deɛ ɔtena adeɛ a deɛ ne ho sene no tenaa soɔ no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

7 Na deɛ ɔka deɛ ne ho sene no honam no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

8 na sɛ deɛ ne ho sene no to ntasuo gu deɛ ne ho teɛ so a, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

9 Na aboa so adwa biara a ɔhosenefoɔ no bɛtena soɔ no ho nte; na obiara a ɔka biribiara a ɛwɔ ɔhosenefoɔ no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ.

10 Na deɛ ɔsoa saa adeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

11 Na obiara a ɔhosenefoɔ no amfa nsuo anhohoro ne nsa na ɔbɛka no no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

12 Na kukuo a ɔhosenefoɔ no bɛka no, wɔmmɔ, na dua adeɛ biara deɛ, wɔmfa nsuo nhohoro ho.

13 Na sɛ ɔhosenefoɔ no ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson ngu n’ahofire so, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa mmasuo nnware ne honam, na ne ho ate.

14 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfoɔ no.

15 Na ɔsɔfoɔ no mfa baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no AWURADE anim mfiri n’ahosene no mu.

16 Na sɛ ɔbarima bi ahoba firi ne mu a, ɔmfa nsuo nnware ne honam nyinaa, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

17 Na ntoma biara anaa nwoma biara a ahoba bɛgu mu no, wɔmfa nsuo nsi, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ.

18 Na sɛ ɔbarima ne ɔbaa da na ahoba gu no a, wɔmfa nsuo nnware na wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ.


Mmaa ahosene fi

19 Na ɔbaa sɛ ne ho sene na mogya firi ne honam mu gu a, ɔntena ne nsabuo no mu nnanson, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.

20 Na adeɛ biara a ɔda soɔ ne nsabuo mu no ho nte, na adeɛ a ɔtena soɔ no ho nte.

21 Na obiara a ɔka ne mpa no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

22 na obiara a ɔka adeɛ biara a watena soɔ no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

23 na sɛ biribi wɔ mpa no so anaasɛ adeɛ a watena soɔ no so a, obi ka a, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

24 Na sɛ ɔbarima ne no da na ne nsabuo adeɛ no bi ka ne ho a, ne ho nte nnanson, na ne mpa a ɔda soɔ no nyinaa ho nte.

25 Na ɔbaa sɛ ne ho sene mogya gu nna pii, na ɛnyɛ ne nsabuo berɛ, anaasɛ ne ho sene tra ne nsabuo a, ɛnneɛ n’ahosene a ɛho nteɛ nna no nyinaa ne ho nte te sɛ ne nsabuo nna mu.

26 Ne mpa a ɔda soɔ biara n’ahosene nna nyinaa mu no nyɛ no sɛ ne nsabuo mpa, na adeɛ biara a ɔtena soɔ no ho nte sɛ ne nsabuo mu deɛ no.

27 Na obiara a ɔka nnoɔma yi no ho nte, na ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

28 Na sɛ ne ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson mfa, na ɛno akyiri no ne ho ate.

29 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

30 Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim, mfiri n’ahosene a ɛho nteɛ no mu.

31 Na momma Israelfoɔ no nyi wɔn ho mfiri wɔn fi mu, na wɔanwuwu wɔn fi mu sɛ wɔrekɔgu me tenabea a ɛwɔ wɔn mu no ho fi.

32 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma deɛ ne ho sene ne deɛ ne ho nsuo firi ne mu gu ne ho fi,

33 ne ɔbaa a ne ho nyɛ no den ne nsabuo mu, ne deɛ ne ho sene, ɔbarima oo, ɔbaa oo, ne ɔbarima a ɔne ɔbaa a ne ho nteɛ bɛda.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan