3 Mose 14 - New Revised Asante Twi BibleAkwatafoɔ ahodwira 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔkwatani, ɛda a wɔbu no sɛ ne ho ateɛ no. Wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, 3 na ɔsɔfoɔ no mfiri adi nkɔ nsraban no akyi; na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ kwata ntotɔeɛ no asa ɔkwatani no ho a, 4 ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho teɛ mmienu animono ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera mma deɛ wɔrebɛte ne ho no mmra. 5 Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnkum nnomaa no mu baako, ayowa bi mu, mmasuo so. 6 Na anomaa nikanfoɔ no deɛ, ɔmfa no ne tweneduro dua no ne koogyan ne adwera no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfoɔ no mmɔ anomaa a wɔaku no mmasuo soɔ no mogya mu, 7 na ɔmfa mpete deɛ ɔbɛte ne ho afiri ne kwata ho no so mprɛnson, na ɔnte ne ho, na ɔnnyaa anomaa nikanfoɔ no mma no nkɔ wiram. 8 Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson. 9 Na da a ɛtɔ so nson no, ɔnyi ne ho nwi nyinaa, ne tiri ne ne bɔgyesɛ ne n’anintɔnnwi nyinaa na ɔnyie; na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne honam, na ne ho ate. 10 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efa abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra. 11 Na ɔsɔfoɔ a ɔte ne ho no mfa ɔbarima a wɔrete ne ho no ne nnoɔma no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. 12 Na ɔsɔfoɔ no mfa nnwanten no mu baako mmra, sɛ asodie ho afɔdeɛ ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim; 13 na ɔnkum odwanten ba no deɛ wɔkum bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ, deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ asodie ho afɔdeɛ no nso yɛ asɔfoɔ no dea, te sɛ bɔne ho afɔdeɛ, ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. 14 Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano. 15 Na ɔsɔfoɔ no mfa ngo toa no mu bi nhwie ngu ɔno ara ne nsa benkum mu; 16 na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsateaa nka ngo no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim; 17 na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfoɔ no mfa bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, asodie ho afɔdeɛ mogya no so; 18 na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim. 19 Na ɔsɔfoɔ no mmɔ bɔne ho afɔdeɛ no, na ɔmpata mma deɛ wɔrete ne ho afiri ne ho fi mu no; na ɛno akyiri no, ɔnkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no; 20 na ɔsɔfoɔ no nhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no afɔrebukyia no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no na ne ho ate. 21 Na sɛ ɔdi hia na ne nsa anso yeinom so a, ɛnneɛ ɔmfa odwanten ba baako mmɛyɛ asodie ho afɔdeɛ nyɛ ohim afɔdeɛ mfa mpata mma no, ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma 22 ne anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a ne nsa bɛso soɔ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; 23 na n’ahodwira da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim. 24 Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim. 25 Na ɔnkum asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano; 26 na ɔsɔfoɔ no mfa ngo no ngu ɔno ara ne nsa benkum mu, 27 na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim; 28 na ɔsɔfoɔ no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, deɛ asodie ho afɔdeɛ no mogya no wɔ no; 29 na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi mfa mpata mma no, AWURADE anim. 30 Na ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso soɔ no mu baako, 31 adeɛ a ne nsa bɛso soɔ no mu baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mpae aduane afɔdeɛ no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma deɛ wɔrete ne ho no, AWURADE anim. 32 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma deɛ kwata atotɔ no a ne nsa nso n’ahodwira adeɛ soɔ no. Adan a wɔagu ho fi 33 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 34 Sɛ moduru Kanaan asase a mede merema mo sɛ monni soɔ no so, na sɛ mede kwata ntotɔeɛ metotɔ mo dibea asase no so fie bi ho a, 35 ɛnneɛ efie no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotɔeɛ wɔ me fie hɔ. 36 Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnyi efie no mu nnoɔma mfiri adi ansa na ɔsɔfoɔ no ahyɛne mu akɔhwɛ ntotɔeɛ no, na efie no mu nnoɔma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyiri no ɔsɔfoɔ no nhyɛne mu nkɔhwɛ efie no. 37 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ ntotɔeɛ no wɔ efie no fasuo ho, nkekaeɛ apopobibire anaa kɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asene ɔfasuo no a, 38 ɔsɔfoɔ no mfiri efie no mu mmra ɛpono ano, na ɔnto efie no mu nnanson. 39 Na sɛ ɛda a ɛtɔ so nson no ɔsɔfoɔ no sane ba, na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ efie no fasuo ho a, 40 ɔsɔfoɔ no mma wɔntutu aboɔ a ntotɔeɛ no wɔ mu no nto ngu kuro no akyi deɛ ɛhɔ nteɛ; 41 na wɔnwewɛre efie no mu nhyia, na wɔmfa dɔteɛ a wɔwewɛreeɛ no nkɔgu kuro no akyi deɛ ɛhɔ nteɛ; 42 na wɔmfa aboɔ foforɔ nhyehyɛ aboɔ no ananmu, na wɔmfa dɔteɛ foforɔ mma efie no ho. 43 Na sɛ aboɔ no tutuo ne efie no ho wewerɛ ne ɛho ma akyiri no ntotɔeɛ no sane bɛpue efie no mu, 44 na ɔsɔfoɔ no ba na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ efie no mu a, ɛyɛ efie no mu kwata a ɛsɛe adeɛ; ɛho nte. 45 Enti ɔnnwiri efie no ngu fam, n’aboɔ ne ne mpuna ne efie no ho dɔteɛ nyinaa, na ɔnsesa mfiri adi nkɔ kuro no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ nteɛ. 46 Na deɛ ɔbɛkɔ efie no mu nna a wɔato mu nyinaa no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, 47 na deɛ ɔda efie hɔ no nsi ne ntadeɛ, na deɛ ɔdidi fie hɔ no nsi ne ntadeɛ. 48 Na sɛ efie no ho ma akyi ɔsɔfoɔ no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no nyerɛɛ efie no mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu efie no sɛ ɛho te, ɛfiri sɛ ntotɔeɛ no asa. 49 Na ɔmfa nnomaa mmienu ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera nnwira efie no. 50 Na ɔnkum nnomaa no mu baako ayowa mu, mmasuo so, 51 na ɔmfa tweneduro dua ne adwera ne koogyan ne anomaa animono no mmɔ anomaa a wɔaku no no mogya ne mmasuo no mu, na ɔmfa mpete efie no ho mprɛnson, 52 na ɔmfa anomaa no mogya ne mmasuo ne anomaa animono no ne tweneduro dua ne adwera ne koogyan no nnwira efie no, 53 na ɔnnyaa anomaa animono no kuro no akyi mma no nkɔ wiram, na ɔmpata mma efie no, na ɛho ate. 54 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotɔeɛ nyinaa ne ntutuiɛ, 55 ne ntoma ne efie ho kwata, 56 nsoa ne ntwintwameeɛ ne ntampeɛ, 57 sɛ ɛnkyerɛkyerɛ berɛ a adeɛ ho nteɛ ne berɛ a ɛho teɛ mu; yei ne kwata ho mmara. |
The Bible Society of Ghana, 2012