3 Mose 13 - New Revised Asante Twi BibleKwata ho mmara 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 Sɛ biribi ba onipa honam wedeɛ mu, sɛ nsoa oo, ntwintwameeɛ oo, ntampeɛ oo, na ɛdidi ne honam wedeɛ mu yɛ kwata ntotɔeɛ a, wɔmfa no mmrɛ Ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma, asɔfoɔ no mu baako. 3 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ. 4 Na sɛ ɛyɛ ne honam wedeɛ mu ntampeɛ fitaa, na sɛ wɔhwɛ na ɛntotɔ mu nsene ne wedeɛ no, na ɛso nwi nnanee fitaa a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no nto ɔyarefoɔ no mu nnanson. 5 Na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ, na sɛ ɔhunu sɛ ntotɔeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ n’ani so na ɛnyerɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson bio. 6 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no da a ɛtɔ so nson no bio na sɛ ntotɔeɛ no ani adum na ɛntrɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ deɛ ne ho teɛ, ɛyɛ ntwintwameeɛ; na ɔnsi n’atadeɛ na ne ho ate. 7 Nanso ɔde ne ho akɔkyerɛ ɔsɔfoɔ wɔ n’ahoteɛ ho no akyiri no, sɛ ntwintwameeɛ no yerɛ ne wedeɛ mu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ no bio; 8 na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata. 9 Sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ onipa bi ho a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no. 10 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, nsoa fitaa bi wɔ wedeɛ no mu a adane nwi no fitaa, na ɛnam mono repu nsoaeɛ no mu a, 11 ɛyɛ kwata dada a ɛwɔ ne honam wedeɛ mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ ne ho nte. Ɔnnto no mu; na ne ho nte. 12 Na sɛ kwata no apue afiri wedeɛ mu akata ɔyarefoɔ no honam nyinaa firi n’atifi kɔsi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfoɔ no ani bɛhwɛ no, 13 na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na kwata no akata ne honam nyinaa so a, ɔmmu ɔyarefoɔ no sɛ ne ho te; ne ho nyinaa adane fitaa a, ne ho te. 14 Nanso berɛ biara a wɔbɛhunu ne ho ɛnam mono no, ne ho nte. 15 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɛnam mono no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛnam mono no ho nte, ɛyɛ kwata. 16 Na sɛ ɛnam mono no sane dane fitaa, na ɔba ɔsɔfoɔ no nkyɛn, 17 na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no adane fitaa a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; ne ho ate. 18 Sɛ mpɔmpɔ si obi honam wedeɛ mu na ɛsa, 19 na soa fitaa bi anaa ntampeɛ fitaa a ɛbereɛ ba mpɔmpɔ no ananmu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ. 20 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asene wedeɛ no na emu nwi adane fitaa a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, apue wɔ mpɔmpɔ no mu. 21 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ nwi fitaa bi nni mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson; 22 na sɛ ɛyerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ ntotɔeɛ. 23 Na sɛ ntampeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ na ɛnyerɛe a, ɛyɛ mpɔmpɔ no twa, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ. 24 Anaasɛ ogya kuro bi ba honam wedeɛ no mu, na ekuro no so bɔn repu yɛ ntampeɛ a ɛhoa fitaa na emu gyegyeɛ anaasɛ ɛhoa fitaa, 25 na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ no mu nwi adane fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asene wedeɛ no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuro no mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ. 26 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ enwi fitaa nni ntampeɛ no mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson. 27 Na da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no hunu sɛ ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ. 28 Na sɛ ntampeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ na ɛnyerɛe wɔ wedeɛ no mu na ani dum a, ɛyɛ soa a ogya kuro no asoa, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; na ɛyɛ ogya kuro no bɔn. 29 Na ɔbarima anaa ɔbaa bi, sɛ biribi tɔ n’atifi anaa ne bɔgyesɛ mu, 30 na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ atɔ mu asene wedeɛ no, na enwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛdeɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ ntutuiɛ, ɛyɛ etire anaa bɔgyesɛ mu kwata. 31 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntutuiɛ ntotɔeɛ no, na sɛ ɛhɔ ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na enwi tuntum nso nni mu a, ɔsɔfoɔ no nto deɛ ntutuiɛ atotɔ no no mu nnanson. 32 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɔyarefoɔ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛe na enwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutuiɛ no ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a, 33 ɔnyi ne ho nwi, na ɔnnyi ntutuiɛ no so, na ɔsɔfoɔ no nto deɛ ntutuiɛ ayɛ no no mu nnanson bio. 34 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ntutuiɛ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛɛ wedeɛ no mu na ɛhɔ ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; na ɔnsi ne ntadeɛ na ne ho ate. 35 Na sɛ ɛno akyi, ntutuiɛ no yerɛ, 36 na ɔsɔfoɔ no hwɛ no, na sɛ ntutuiɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no nnhwehwɛ enwi kɔkɔɔ; ne ho nte. 37 Na sɛ ɔhunu ntutuiɛ no sɛ ɛte sɛdeɛ ɛteɛ na enwi tuntum afu mu a, na ntutuiɛ no asa; ne ho te, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ. 38 Na sɛ ntampeɛ fitaa ba ɔbarima anaa ɔbaa wedeɛ ani, 39 na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ a ani dum fitaa wɔ wɔn honam wedeɛ mu a, ɛyɛ ɛyam a ayerɛ wedeɛ mu; ne ho te. 40 Na sɛ ɔbarima bi tiri pa a, ɔyɛ atipa; ne ho te. 41 Na sɛ n’apampam anim fam na apa a, ɔyɛ atipa; ne ho te. 42 Na sɛ biribi fitaa a ɛbereɛ tɔ n’atipa no mu anaasɛ n’apampam paeɛ no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue n’atipa anaa n’apampam paeɛ no mu. 43 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ fitaa a ɛbereɛ asoa n’atipa no anaa n’apampam paeɛ no mu a ɛte sɛ honam wedeɛ mu kwata a, 44 ɔyɛ ɔkwatani; ne ho nte; buo na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ne tiri so na ne ntotɔeɛ no wɔ. 45 Na ɔkwatani a yadeɛ no wɔ ne ho nsunsuane ne ntadeɛ mu, na ɔmpɛsɛ ne ti, na ɔnkata ne soro anofafa, na ɔnteam sɛ: Me ho nte, me ho nte! 46 Nna dodoɔ a yadeɛ no wɔ ne ho no, teɛ na ne ho nteɛ; ɔno nko na ɔntena, nsraban no akyi na ɔntena. 47 Na sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ atadeɛ bi mu, sɛ ɛwɔ kuntutam anaa asaawatam, 48 anaa nsa anaa mfa a wɔde nwono asaawatam anaa kuntutam anaa nwoma anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu, 49 na sɛ ntotɔeɛ no biri anaasɛ ɛbere ntoma anaa nwoma no anaa nsa anaa mfa no anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ. 50 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no a, ɔnto adeɛ a ntotɔeɛ no wɔ mu no mu nnanson. 51 Na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔhunu sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ atadeɛ no anaa nsa anaa mfa anaa nwoma no anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu a, na ntotɔeɛ no yɛ kwata a ɛsɛe adeɛ; ɛho nte. 52 Na ɔnhye ntoma no, sɛ nsa no anaa mfa no oo, anaa kuntu anaa asaawa anaa nwoma adeɛ biara mu na ntotɔeɛ no wɔ oo, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛsɛe adeɛ. Ogya na wɔmfa nhyeɛ. 53 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no nterɛɛ atadeɛ no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, 54 ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no nhyɛ na wɔnsi adeɛ a ntotɔeɛ no wɔ mu no, na ɔnto mu nnanson bio. 55 Na ntotɔeɛ no sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani nsakyerae na ɛnyerɛe nso a, ɛho nte, wɔmfa ogya nhye; ani akuku oo, akyire akuku oo, ɛyɛ nweweeɛ. 56 Na sɛ ne sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani dum a, ɔnte mfiri ntoma no anaa nsa anaa mfa no mu. 57 Na sɛ wɔhunu bio wɔ ntoma no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhye deɛ ntotɔeɛ no wɔ mu no. 58 Na ntoma no, mfa anaa nsa anaa nwoma adeɛ biara a wɔbɛsie na ntotɔeɛ no bɛfiri mu no, wɔnsi bio na ɛho ate. 59 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotɔeɛ, kuntutam anaa asaawatam anaa nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu, na wɔde abu no adeɛ a ɛho teɛ anaa adeɛ a ɛho nteɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012