3 Mose 11 - New Revised Asante Twi BibleMmoa a wɔnnie ne deɛ wɔnnnie ( Deuteronomium 14.3-21 ) 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ: 2 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu: 3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie. 4 Yeinom nko na monnnie, wɔn a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apaeɛ: Yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho nte mma mo; 5 ne atwaboa, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo; 6 ne adanko, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo; 7 ne prako, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae koraa deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. 8 Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo. 9 Yei ne deɛ monnie deɛ ɛwɔ nsuo mu nyinaa mu: Deɛ ɛwɔ ntɛtɛ ne abon, nsuo mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na monnie. 10 Na biribiara a ɛnni ntɛtɛ ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, adeɛ a ɛwɔ nsuo mu nyinaa a nkwa wɔ mu nyinaa, ɛyɛ akyiwadeɛ ma mo. 11 Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi. 12 Adeɛ biara a ɛnni ntɛtɛ ne abon wɔ nsuo mu no yɛ mo akyiwadeɛ. 13 Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo, 14 ɔkompɛtɛ, asansa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, 15 ne anene ahodoɔ nyinaa, 16 sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ, 17 ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛseɛ, 18 bakanoma, nantwinoma, ɔpɛtɛ, 19 sukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan. 20 Ntuboa manyamanya a wɔnante nan nnan so nyinaa nyɛ akyiwadeɛ mma mo. 21 Nanso yeinom na monnie ntuboa nyinaa a wɔnante nan nnan soɔ nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛ mmienu wɔ wɔn nan soɔ a wɔde hurihuri asase so no; 22 wɔn mu deɛ monnie nie: Ntutummɛ ahodoɔ, nketekyire ahodoɔ, mfuntie ahodoɔ, mmɛbɛ ahodoɔ. 23 Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan nnan nyinaa yɛ akyiwadeɛ ma mo. 24 Na yeinom na mode gu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn afunu no ho nte kɔsi anwummerɛ. 25 Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 26 Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apaeɛ, nanso emu nwie paeɛ na wɔmpu nwesa no nyinaa ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte. 27 Na mmoa a wɔnam nan nnan soɔ nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 28 Na deɛ ɔsoa wɔn funu bi no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; wɔn ho nte mma mo. 29 Na mmoa a wɔwea asase soɔ mu wɔn a wɔn ho nte mma mo nie: Ahweaa, akura, ne nkoterɛ ahodoɔ; 30 ne hwinamanhwan, ɔmampam, ɔkoterɛ, bɔmɔte ne abosomakoterɛ. 31 Yeinom ne wɔn a wɔn ho nte mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wɔwu a, obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 32 Na adeɛ biara a wɔn mu bi awu atɔ soɔ no, ɛho nte: Dua adeɛ biara oo, atadeɛ oo, nwoma oo, awere oo, adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsuo mu, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate. 33 Na kukuo biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, deɛ ɛwɔ mu nyinaa ho nte, na kukuo no nso mommɔ no. 34 Aduane a wɔdie biara a nsuo no bi bɛgu mu no ho nte, na anonneɛ biara a wɔnom adeɛ biara a ɛte saa mu no ho nte. 35 Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte. 36 Nanso nsuo aniwa anaa abura a nsuo wɔ mu deɛ, ɛho te ara; na biribiara a ɛka wɔn funu no, ɛho nte. 37 Na sɛ wɔn funu bi hwe kuadeɛ a wɔdua biara so a, kuadeɛ no ho te; 38 na sɛ wɔde nsuo gu kuadeɛ no so na wɔn afunu bi hwe so a, ɛho nte mma mo. 39 Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ. 40 Na deɛ ɔdi ne funu no bie no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔsoa ne funu no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. 41 Na adeɛ biara a ɛwea fam yɛ akyiwadeɛ, monnni. 42 Adeɛ biara a ɛnam yafunu soɔ ne adeɛ biara a ɛnam nan nnan so kɔsi adeɛ biara a ɛwɔ nan bebree soɔ, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, monnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ. 43 Monnyɛ mo ho akyiwadeɛ wɔ mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho nteɛ wɔ wɔn ho. 44 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho. 45 Na mene AWURADE a meyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron. 46 Yei ne aboa biara a wɔwɔ nsuo mu ne nnomaa ne aboa biara a wɔwea fam nyinaa ho mmara, 47 sɛ wɔmfa mpae adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ mu, ne mmoa a wɔdie ne mmoa a wɔnnie mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012